2
Israel Awo Ntoatoaso
Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
Yuda Asefo
Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa.
Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.
Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.
Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah.
Enti Yuda woo mmabarima baanum.
 
Na Peres mmabarima din de
Hesron ne Hamul.
Serah mmabarima din de
Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.
Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.
Na Etan babarima ne
Asaria.
Efi Yuda Nana Barima Hesron So Kosi Dawid So
Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 Ram yɛ Aminadab agya.
Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
11 Nahson yɛ Salma agya.
Na Salma nso yɛ Boas agya.
12 Boas yɛ Obed agya.
Obed yɛ Yisai agya.
13 Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea. 14 Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum. 15 Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason. 16 Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail.
Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.
Hesron Babarima Kaleb Asefo
18 Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.
20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
 
21 Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.
22 Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.
23 (Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)
Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo.
24 Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).
Hesron Ba Yerahmeel Asefo
25 Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ
Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26 Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ
Maas, Yamin ne Eker.
28 Onam mmabarima yɛ
Samai ne Yada.
Na Samai mmabarima yɛ
Nadab ne Abisur. 29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.
30 Na Nadab mmabarima yɛ
Seled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;
31 na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.
Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
32 Na Samai nuabarima Yada woo
Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,
33 nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn
Pelet ne Sasa.
Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.
 
34 Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea.
Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha. 35 Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.
36 Atai woo Natan
na Natan woo Sabad.
37 Sabad woo Efial.
Efial woo Obed.
38 Obed woo Yehu
na Yehu woo Asaria.
39 Asaria woo Heles.
Heles woo Eleasa.
40 Eleasa woo Sisemai
na Sisemai woo Salum.
41 Salum woo Yekamia,
na Yekamia woo Elisama.
Hesron Babarima Kaleb Asefo
42 Yerahmeel nua Kaleb
babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.
Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
43 Na Hebron mmabarima yɛ
Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
44 Na Sema woo Raham.
Raham woo Yorkeam.
Na Rekem woo Samai.
45 Na Samai woo Maon.
Maon woo Bet-Sur.
46 Na Kaleb mpena Efa woo
Haran, Mosa ne Gases.
Na Haran woo Gases.
47 Na Yahdai mmabarima yɛ
Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
48 Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo
Seber ne Tirhana.
49 Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya
ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.
Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.
50 Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo.
Kaleb Babarima Hur Asefo
Kaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛ
Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya 51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ
Haroe a ne fa yɛ Manahatini 53 na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.
54 Salma asefo yɛ
Betlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo, 55 ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.