Samuel
Nhoma A Edi Kan
1
Samuel Awo
Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu. Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana de, na onni ba.
Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo AwuradeAwurade fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfo wɔ hɔ saa bere no. Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔre no, ɔde nam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye. Nanso na Awurade ato nʼawode mu nti, na Penina di ne ho fɛw. Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ Awurade fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo. Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?”
Hana Bɔ Mpae Sɛ Ɔpɛ Ɔba
Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fi pon ano hɔ. 10 Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ Awurade mpae. 11 Na ɔhyɛɛ bɔ se, “Ao Asafo Awurade, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da.”
12 Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no. 13 Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa. 14 Obisaa no se, “Ɛsɛ sɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna hɔ!”
15 Na Hana buae se, “Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. 16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.”
17 Eli buae se, “Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo.”
18 Hana teɛ mu se, “Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura” Ɔsan kɔ kodidii, na wanni awerɛhow bio.
Wɔwo Samuel De No Ma Onyankopɔn
19 Ade kyee anɔpahema no, ofi no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsan kɔɔ Rama. Bere a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no, 20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, “Mibisaa no fii Awurade nkyɛn.”
21 Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirihyia afɔre ama Awurade. 22 Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Sɛ abofra no twa nufu a, mede no bɛkɔ Awurade fi na makogyaw no wɔ hɔ ama Awurade afebɔɔ.”
23 Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na Awurade mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.
24 Otwaa no nufu wiei no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔre fi wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfe abiɛsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra bae. 25 Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔre wiee no, wɔde abofra no brɛɛ Eli. 26 Hana kae se, “Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ Awurade mpae no. 27 Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na Awurade ayɛ mʼabisade ama me. 28 Enti mprempren, mede abofra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na ɔsom Awurade wɔ hɔ.