Paulo Nhoma A Edi Kan A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Timoteo
1
Nkyia
Me Paulo, Yesu Kristo somafo nam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so kyerɛw,
 
De rekɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi mu no nkyɛn:
 
Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no dom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.
 
Mompo Atoro Akyerɛkyerɛfo
Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma atoro nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn ma wogyae. Momma wonnyae adomankomasɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wuhu no. Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwene mu fann ne gyidi pa mu. Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.
Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye. Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ wɔanyɛ mmara no amma atreneefo na mmom, wɔyɛ maa mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo, 10 afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11 Saa nokware nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.
12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13 Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, ka nsɛm a ɛmfata fa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ. 14 Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane Kristo Yesu nti abɛyɛ yɛn de no.
15 Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye to mu na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan koraa. 16 Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. 17 Anuonyam ne nidi nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
18 Afei me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode, 19 na so wo gyidi mu dennen na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn tiboa, nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi. 20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan sɛ ɔntwe wɔn aso sɛnea wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.