Petro
Nhoma A Ɛto So Abien
1
Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn,
 
Ɔde rekɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no:
 
Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.
 
Onyankopɔn Frɛ
Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ nea ofi nʼanuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. Ɔnam nʼanuonyam ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yiye. Ɛno nti, mobɛyɛ ne nyameyɛ no adedifo na moafi nea wiase yi porɔwee a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.
Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho. Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade. Ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne ho afi ne bɔne dedaw no mu.
10 Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso. 11 Sɛ mofa saa ɔkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahenni a ɛto ntwa da no mu.
12 Ne saa nti daa mekaakae mo saa asɛm yi a munim na ase atim wɔ nokware a moagye adi no mu no. 13 Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho. 14 Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15 Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama moakae saa nsɛm yi bere biara wɔ me wu akyi.
16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse. 17 Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a nne bi fii Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. 18 Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi ɔsoro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no.
19 Ɛno nti ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkyɛ ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no. 20 Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmhyɛ ase. 21 Na nkɔmhyɛ biara mfi onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a efi Onyankopɔn.