Asomafo No Nnwuma
1
Asafo No Mfiase
Mʼadamfo pa Teofilo, me nhoma a edi kan a mekyerɛw wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ kosi bere a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafo no. Ne wusɔre akyi no, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafo no de kyerɛɛ wɔn se, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. Da bi a ɔne wɔn redidi no ɔhyɛɛ wɔn se, “Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”
Yesu Sorokɔ
Asuafo no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wobisaa no se, “Awurade, bere yi mu na wode ahenni no bɛba Israel ana?”
Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ mubehu bere a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano.”
Ɔkasa wiee no asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio.
10 Wogu so rehwɛ wim no, amono mu hɔ ara mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa begyinaa wɔn nkyɛn, 11 kae se, “Mo mmarima a mufi Galilea, adɛn nti na mugyina ha rehwɛ wim? Yesu a wɔafa no afi mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛnea osi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsan aba.”
Woyi Matia Sɛ Yuda Nanmusin
12 Eyi akyi no, asuafo no fii Ngo Bepɔw no so baa Yerusalem. Efi Ngo Bepɔw no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13 Woduu hɔ no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aban a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne:
 
Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;
Filipo, Toma,
Bartolomeo, Mateo,
Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.
 
14 Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te sɛ Yesu ne na Maria ne Yesu nuabarimanom hyia bɔ mpae.
15 Nna kakraa bi akyi no gyidifo no a wɔn dodow bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiae na Petro sɔre kasae se: 16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.
18 (Sika a Yuda nya fii ade bɔne a ɔyɛe no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a owui hɔ. Ɔtew bɛhwee fam ma ne mu pae maa ne nsono tu guu so. 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu se Hekeldama a nkyerɛase ne, Mogya Asase.)
20 Petro toaa so kae se, “Wɔakyerɛw wɔ Dawid nhoma mu se,
“ ‘Ne fi nyɛ amamfo,
na ɔfoforo nsi nʼanan mu.’
21 Enti ɛsɛ sɛ yeyi nnipa a yɛne wɔn nantew bere a na Yesu ne yɛn di akɔneaba no nyinaa, 22 fi Yohane asubɔ adwuma no so de kosi bere a wɔfaa Yesu fii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, efisɛ ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔre no ho adanse.”
23 Woyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba,* Ase ne “Homeda babarima.” Saa din yi yɛ Yudafo Kristofo adikanfo baanu bi din. Wɔn mu baako ne Yosef. Nea ɔto so abien ne Yuda a na ɔyɛ odiyifo wɔ Yerusalem. Ɔne Sila na wɔsomaa wɔn kɔɔ Antiokia. (15.22,32). na wɔtaa frɛ no Yusto nso. Nea na ɔka ho no nso din de Matia. 24 Afei asuafo no bɔɔ mpae se, “Awurade, wunim obiara koma mu. Ɛno nti kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu nea woayi no 25 sɛ ommesi Yuda a wanya ne baabi kɔ no anan mu mmɛyɛ asomafodwuma no.” 26 Afei asuafo no bɔɔ wɔn so ntonto maa esii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafo dubaako no ho.

*1:23 Ase ne “Homeda babarima.” Saa din yi yɛ Yudafo Kristofo adikanfo baanu bi din. Wɔn mu baako ne Yosef. Nea ɔto so abien ne Yuda a na ɔyɛ odiyifo wɔ Yerusalem. Ɔne Sila na wɔsomaa wɔn kɔɔ Antiokia. (15.22,32).