Ɔsɛnkafo
1
Biribiara Yɛ Adehuhuw
Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:
“Ahuhude! Ahuhude!”
Ɔsɛnkafo no na ose.
“Ahuhude mu ahuhude
Biribiara yɛ ahuhude.”
 
Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu,
nea okum ne ho yɛ no owia so no?
Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ,
nanso asase tim hɔ daa.
Owia pue na owia kɔtɔ,
na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.
Mframa bɔ kɔ anafo fam
na ɛdan hwɛ atifi fam;
ekyinkyin kɔ baabiara,
na ɛsan bɔ fa ne kwan so.
Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,
nanso po nyɛ ma da.
Faako a nsubɔnten no fi no
hɔ na wɔsan kɔ bio.
Biribiara yɛ ɔbrɛ
a ɛboro nea obi bɛka so.
Ani nhwɛ ade nwie da
na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.
Nea aba no bɛba bio,
nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;
ade foforo biara nni owia yi ase.
10 Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se:
“Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana?
Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee;
ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
11 Wɔnkae tetefo no,
na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso,
wɔn a wobedi wɔn akyi no
renkae wɔn.
Nimdeɛ Yɛ Ahuhude
12 Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. 13 Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so! 14 Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
15 Nea akyea no wontumi nteɛ;
na nea enni hɔ no wontumi nkan.
16 Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.” 17 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
18 Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba;
nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.