Paulo Nhoma A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Efesofo
1
Nkyia
Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn,
 
Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:
 
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.
 
Honhom Nhyira Wɔ Kristo Mu
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn. Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ wiase no, ɔdɔɔ yɛn na oyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomso biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ofi ɔdɔ mu hyɛ too hɔ se, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔba no mu no. Ne mu na yenya ogye a efi ne mogya mu. Ne mu na yenya bɔnefakyɛ nso, sɛnea Onyankopɔn adom mmoroso a ɔde nyansa ne ntease nyinaa hwie guu yɛn so no te. Onyankopɔn nam nea Kristo yɛe no so ada nʼanwonwakwan no adi akyerɛ yɛn sɛ 10 bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.
11 Onyankopɔn yɛ nea ɔpɛ bere biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn fii wiase mfiase, 12 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yedii kan nyaa anidaso wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no anuonyam. 13 Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ asɛmpa a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nsow wɔ ne mu. 14 Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.
Aseda Ne Mpaebɔ
15 Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no, 16 minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn wɔ mo ho no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu, 17 na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no. 18 Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya anidaso a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no, ne ahonya a ɛwɔ agyapade kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefo no, 19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi 20 bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. 21 Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu. 22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, 23 a ɛne ne nipadua. Ɔno ne nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.