Mose Nhoma A Ɛto So Abien
Anaasɛ
Ɛksodɔs
1
Israelfo Wɔ Misraim
Yakob mma ne wɔn abusuafo a wɔne no tu kɔtenaa no din na edidi so yi.
 
Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;
Isakar, Sebulon ne Benyamin;
Dan, Naftali;
Gad ne Aser.
 
Yakob asefo a ɔne wɔn kɔe no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dedaw.
 
Yosef ne ne nuanom ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui, nanso Israelfo no ase fɛee, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.
Na ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ ne manfo no se, “Monhwɛ, Israelfo yi ase adɔ, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. 10 Momma yɛmpɛ ɔkwan bi na yɛmfa so nsiw saa dɔ a wɔredɔ no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfo ne wɔn ako atia yɛn na wɔafi ɔman yi mu.”
11 Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. 12 Nanso mpɛn dodow a Misraimfo no hyɛɛ wɔn so no, na dɔ ara na Israelfo no redɔɔso. Eyi maa Misraimfo no suroo Israelfo 13 na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfo no so ketee. 14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfo no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔte ho adwuma a ɛyɛ den ne mfum nnwuma ahorow. Eyinom nyinaa akyi no Misraimfo faa akwan bebree so daa atirimɔden adi kyerɛɛ Israelfo no.
15 Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn din ne Sifra ne Pua se, 16 “Sɛ mukogye Hebrini biara awo, na awoe hɔ muhu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, munkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabea de a, monnyɛ no hwee.” 17 Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo no nti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so, maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenae. 18 Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanni mmara a mehyɛe no so na moama mmarimaa a Hebrifo no wowoo wɔn no atena?”
19 Wobuaa no se, “Hebrifo mmea no de ahoɔden wo ɔhare so nti yebedu hɔ no, na wɔawo dedaw. Wɔnte sɛ Misraimfo mmea no.”
20 Onyankopɔn hyiraa awogyefo no. Na Israelfo no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛse. 21 Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo nti, Onyankopɔn dom wɔn mma.
22 Na Farao hyɛɛ mmara sɛ Hebrifo mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforo no, wɔntow wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmeawa a wɔbɛwo wɔn foforo no de, wɔntena hɔ.