Odiyifo
Hesekiel
Nhoma
1
Ateasefo No Ne Awurade Anuonyam
Afe a ɛto so aduasa no, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, na meka wɔn a wɔatwa wɔn asu akɔ amannɔne no ho. Mewɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn wɔ anisoadehu mu.
Ɔsram no da a ɛto so anum no na ɔhene Yehoiakin adi mfe anum wɔ asutwa mu. Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfo no nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.
Mehwɛe, na mihuu sɛ ahum kɛse bi fi atifi fam reba, omununkum kɛse bi a ɛretwa anyinam na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dade a asɔ kɔɔ. Na ogya no mu na na wohu biribi te sɛ ateasefo baanan. Na wɔn su te sɛ onipa, wɔn mu biara anim yɛ anan na wɔwowɔ ntaban anan anan. Wɔn anan yɛ kirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwi ba de na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafrae a wɔahoa ho. Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afaafa anan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa anan a baako wɔ ntaban biara ase, na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnan wɔn ho.
10 Na sɛɛ na wɔn anim tete: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwi anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔre anim. 11 Saa na na wɔn anim tete. Wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔ soro; na wɔn mu biara wɔ ntaban abien abien, a mu biara si ɔfoforo de anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban abien nso katakata wɔn ho. 12 Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, hɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnan wɔn ho. 13 Ateasefo no suban te sɛ nnyansramma a ɛredɛw anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefo no mu; ɛhyerɛn na mu na anyinam fi twitwa. 14 Na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam a ɛretwitwa.
15 Bere a merehwɛ ateasefo no, mihuu sɛ nkyimii si fam wɔ ateasefo a wɔn mu biara anim yɛ anan no nkyɛn mu. 16 Sɛɛ na na nkyimii no bɔbea te: Etwa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo, na anan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ mu biara te sɛ nkyimii a ɛtoa nkyimii foforo mu. 17 Sɛ nkyimii no nam a wɔkɔ faako a ateasefo no ani kyerɛ; nkyimii no nnan wɔn ho bere a ateasefo no nam no. 18 Wɔn hankare no korɔn, na ɛyɛ hu, na aniwa tuatua hankare anan no nyinaa ho.
19 Sɛ ateasefo no nantew a nkyimii a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a nkyimii no nso ma wɔn ho so. 20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefo no nso bɛkɔ, na nkyimii no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu. 21 Sɛ ateasefo no tu teɛ a nkyimii no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefo no pagyaw wɔn ho a nkyimii no ne wɔn pagyaw wɔn ho, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.
22 Na ntrɛwmu bi wɔ ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sɛ sukyerɛmma, na ɛyɛ hu. 23 Na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛwmu no ase, na ateasefo no mu biara wɔ ntaban abien a ɛkata ne ho. 24 Ateasefo no tu teɛe no, metee wɔn ntaban no nnyigyei a ɛte sɛ asu a ɛworo, te sɛ Otumfo no nne, anaa asraafo huuyɛ. Sɛ wogyina a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu.
25 Na nne bi fi ntrɛwmu a ɛkata wɔn so no atifi bae, bere a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu na wogyinagyina hɔ no. 26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmo ahengua wɔ ntrɛwmu a ɛkata ateasefo no atifi no so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahengua so wɔ ɔsoro hɔ. 27 Mihuu sɛ efi nea ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte sɛ dade a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na efi hɔ reba ne fam no na ɔte sɛ ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28 Sɛnea nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ da no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no te.
Eyi yɛ Awurade anuonyam ahoyi no sɛso. Na mihui no, mede mʼanim butuw fam, na metee obi a ɔrekasa nne.