Paulo Nhoma A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Galatifo
1
Nkyia
Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me sɛ ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no, ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa,
 
De krataa yi kɔma Galati asafo ahorow no nyinaa:
 
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.
 
 
Mo ho yɛ me nwonwa sɛ mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔredan mo adwene pɛ sɛ wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan. Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. Yɛaka dedaw na mereti mu sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no bɔ abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu.
10 Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so yɛ saa de a, na menyɛ Kristo somfo.
Onyankopɔn Frɛ Paulo
11 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa hɔ. 12 Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
13 Moate sɛ na mesɛe mʼadagyew nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei moate nso sɛ na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo, na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. 14 Me mfɛfo Yudafo no de, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikura yɛn nananom amanne nso mu denneennen. 15 Nanso Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na bere no soo 16 sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem ankohu asomafo a na wodi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ na mesan baa Damasko.
18 Mfe abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nna dunum. 19 Manhu ɔsomafo biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. 20 Meka kyerɛ mo wɔ Onyankopɔn anim se nea merekyerɛw yi yɛ nokware turodoo.
21 Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia. 22 Saa bere no na Kristo asafo ahorow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei de, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” 24 Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.