Odiyifo
Hagai
Nhoma
1
Asɔredansi Ho Nkaebɔ
Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua. Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi Awurade fi no.’ ”
Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifo Hagai so: “Saa bere yi a me fi yi abubu yi na mo de, motete mo afi a wɔaduradura mu yi ana?”
Asɛm a, Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye. Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.”
Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye. Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na Awurade ka. “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no. 10 Mo nti na ɔsoro akyere obosu agyina, na asase nso akyere mo nnɔbae. 11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko* Nkoko—Wɔyɛ atrapoe sɛso a ɛtrɛw wɔn nkoko so na wɔatumi adɔw, adua, atwa. so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”
Nkaebɔ No Sodi
12 Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade. 13 Na Hagai, Awurade somafo no, de saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn maa nkurɔfo no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade se. 14 Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase, 15 wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so aduonu anan no.

*1:11 Nkoko—Wɔyɛ atrapoe sɛso a ɛtrɛw wɔn nkoko so na wɔatumi adɔw, adua, atwa.