Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa
Hebrifo
1
Onyankopɔn Akasa
Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no. Mmom, mmere a edi akyiri no de,* Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu. ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.
Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se,
“Woyɛ me Ba;
nnɛ mayɛ wʼAgya.”
Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se,
“Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”
Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se,
“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”
Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ,
“Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa,
na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”
Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se,
“Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa;
wʼAhenni yɛ atɛntrenee.
Wodɔ trenee, na wukyi bɔne,
ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so,
na ɔde anigye ngo asra wo.”
10 Onyankopɔn san kae se,
“Mfiase no wotoo asase fapem,
na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
11 Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa;
wɔbɛtetew sɛ atade.
12 Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama;
na wɔbɛsesa no sɛ ntade.
Nanso wote sɛnea wote,
na wo mfe to rentwa da.”
13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se,
“Montena me nifa so
nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ
mo anan ase ntiaso.”
14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.

*1:2 Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu.