Odiyifo
Hosea
Nhoma
1
Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
Hosea Yere Ne Ne Mma
Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo,* Kɔware oguamanfo—Eyi ne bɔne kɛse a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfo kwaadu. na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.” Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no.
Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel, Yesreel. Nkyerɛase ne “Onyankopɔn na odua.” efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei. Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.”
Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa. Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”
Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo. Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn.
10 “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’ 11 Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”

*1:2 Kɔware oguamanfo—Eyi ne bɔne kɛse a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfo kwaadu.

1:4 Yesreel. Nkyerɛase ne “Onyankopɔn na odua.”