Odiyifo
Yeremia
Nhoma
1
Nsɛm a efi Yeremia nkyɛn ni. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfo no mu baako wɔ Benyamin asase so. Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda hene Amon babarima adedi afe a ɛto so dumiɛnsa no mu. Ɛtoaa so wɔ Yuda hene Yosia babarima Yehoiakim bere so, kosii Yuda hene Yosia babarima Sedekia bere so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedi no afe a ɛto so dubaako no ɔsram a ɛto so anum no mu.
Yeremia Frɛ
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
“Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo;
ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn;
meyɛɛ wo odiyifo maa aman no.”
Mekae se, “Aa, Otumfo Awurade minnim kasa; meyɛ abofra.”
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.
Na Awurade teɛɛ ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me se, “Mprempren mede me nsɛm ahyɛ wʼanom. 10 Hwɛ, nnɛ, mede wo asi aman ne ahenni so sɛ, tutu na dwiriw gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”
11 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Dɛn na wuhu yi, Yeremia?”
Na mibuae se, “Mihu ɔsonkoran dubaa.”
12 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wahu no yiye, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”
13  Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se, “Dɛn na wuhu yi?”
Mibuae se, “Mihu kuku a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn fi atifi fam.”
14  Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wobefi atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15 Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni.
“Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛba
abesisi Yerusalem kuropɔn apon ano;
wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyia
ne Yuda nkurow nyinaa so.
16 Mebu me nkurɔfo atɛn
wɔ wɔn amumɔyɛ sɛ wɔagyaw me,
sɛ wɔhyew nnuhuam ma anyame afoforo
na wɔkotow sɔre nea wɔde wɔn nsa ayɛ.
17 “Siesie wo ho! Sɔre na ka nea mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. 18 Nnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, dadedum ne kɔbere fasu sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfo, asɔfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so. 19 Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.