Yohane
Asɛmpa No
1
Hann A Ɛwɔ Sum Mu
Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Mfiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.
Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi. Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa se ɔrebedi hann no ho adanse.
Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no. 10 Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no. 11 Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu. 12 Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma 13 wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.
14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.
15 Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ” 16 Ofi ne mmɔborɔhunu a to ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. 17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu Kristo so na yenyaa adom ne nokware. 18 Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
Yohane Adansedi
19 Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no ana?” 20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ me ne Agyenkwa no.”
21 Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?”
Obuaa wɔn se, “Dabi.”
Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?”
Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”.
22 Wɔsan bisaa no se, “Ɛno de, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
23 Yohane buaa wɔn se, “Mene nne a efi sare so a ɛteɛ mu sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no.’ ”
24 Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se, 25 “Sɛ ɛnyɛ wo ne Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?”
26 Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no, 27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.”
28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
Yohane Di Yesu Ho Adanse
29 Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛ mu kae se, “Hwɛ, Onyankopɔn Guamma a oyi wiase bɔne kɔ no! 30 Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’ 31 Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”
32 Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian afi ɔsoro. 33 Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’ 34 Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”
Yesu Asuafo A Wodi Kan
35 Ade kyee a Yohane ne nʼasuafo no mu baanu gyina baabi no, wohuu sɛ Yesu retwa mu. 36 Yohane hwɛɛ no kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guamma no!”
37 Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi. 38 Yesu twaa nʼani huu sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?”
Wɔn nso bisaa no se, “Rabi” (a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo), “ɛhe na wote?”
39 Obuaa wɔn se, “Mommra mmɛhwɛ.”
Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte na wɔne no tenaa hɔ fii awia nnɔnnan kosii anwummere.
40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. 41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no). 42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn.
Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa” (ɛno ara ne Petro a ne nkyerɛase ne Ɔbotan no).
Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael
43 Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.”
44 Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no. 45 Filipo fii hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.”
46 Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret aba?”
Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.”
47 Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, “Israelni nokwafo ni ampa.”
48 Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?”
Yesu nso buaa no se, “Bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
49 Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”
50 Yesu bisaa no se, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na wugye di ana? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom. 51  Mereka nokware akyerɛ mo se, mubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ Onipa Ba no so.”