4
Yona Abufuw Wɔ Awurade Ahummɔbɔ Ho
Nanso na eyi yɛ mfomso kɛse ma Yona, na ne bo fuwii. Ɔbɔɔ Awurade mpae se, “Awurade, bere a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sɛɛ na mekae? Eyi nti na meperee sɛ miguan akɔ Tarsis no, efisɛ na minim sɛ, woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw, na wo dɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛn nʼanan ase wɔ bɔne amanehunu ho. Afei, Awurade! Gye me nkwa fi me nsɛm. Eye ma me sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”
Na Awurade buae se, “Eye sɛ wo bo fuw wɔ saa asɛm yi ho ana?”
Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so. Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho. Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee dua no maa nhaban no poe. Owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa bi a mu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ beraw. Ɔpɛɛ sɛ owu, na ɔkae se, “Eye ma me sɛ miwu sen sɛ metena ase.”
Onyankopɔn bisaa Yona se, “Eye sɛ wofa abufuw wɔ dua no ho ana?”
Yona buae se, “Yiw, me bo afuw, na sɛ miwu a anka mepɛ.”
10 Na Awurade kae se, “Dua yi ho asɛm ahaw wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii ntɛmntɛm na ewuu ntɛmntɛm. 11 Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn yi ho asɛm haw me ana?”