Mateo
Asɛmpa No
1
Yesu Kristo Mpanyimfo
Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:
 
Abraham ba ne Isak,
Isak ba ne Yakob;
Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar.
Peres ba ne Hesron
na Hesron nso ba ne Ram.
Ram woo Aminadab,
Aminadab woo Nahson,
Nahson nso woo Salmon.
Salmon ne ne yere Rahab woo Boas,
Boas ne ne yere Rut woo Obed,
Obed nso woo Yisai.
Yisai ba ne Ɔhene Dawid.
 
Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
Salomo woo Rehoboam,
Rehoboam woo Abia,
Abia woo Asa.
Asa woo Yehosafat,
Yehosafat woo Yoram,
Yoram nso woo Usia
Usia ba ne Yotam,
Yotam ba ne Ahas:
Ahas ba ne Hiskia.
10 Hiskia ba ne Manase,
Manase ba ne Amon,
Amon nso ba ne Yosia.
11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.
 
12 Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni:
Yekonia woo Sealtiel,
Sealtiel woo Serubabel.
13 Serubabel woo Abihud,
Abihud woo Eliakim,
Eliakim nso woo Asor.
14 Asor ba ne Sadok,
Sadok ba ne Akim,
Akim ba ne Elihud.
15 Elihud ba ne Eleasar,
Eleasar ba ne Matan.
Matan nso ba ne Yakob,
16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
 
17 Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.
Yesu Awo
18 Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron. 19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ obegyaa no aware wɔ kokoa mu.
20 Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.”
22 Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se: 23 “Ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no din Immanuel” a ase ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”
24 Bere a Yosef nyan no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fi ma ɔbɛyɛɛ ne yere. 25 Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”