2
Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe
Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene,
wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so!
Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no,
efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.
Wɔn ani bere mfuw, na wogye.
Na afi nso wɔfa.
Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi,
na wɔn agyapade nso wogye.
Enti, sɛnea Awurade se ni,
“Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho
na worentumi nyi wo ho mfi mu.
Worentumi nnantew ahantan so bio,
efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.
Saa da no, nnipa bɛserew mo.
Wɔde saa awerɛhow dwom yi
bedi mo ho fɛw se:
‘wɔasɛe yɛn koraa;
wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu.
Ogye fi me nsam!
Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”
 
Enti morennya obi wɔ
Awurade asafo mu
a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
Atoro Adiyifo
“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka.
“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;
animguase rento yɛn.”
Mo Yakobfi, so wɔnka se,
Awurade Honhom nni boasetɔ ana?
Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana?
 
“Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ
no yiye ana?
Akyiri no me nkurɔfo asɔre
te sɛ ɔtamfo.
Moworɔw ntade pa fi
wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho,
ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.
Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu
fi wɔn afi afɛɛfɛ mu.
Mugye me nhyira
fi wɔn mma nsam afebɔɔ.
10 Sɔre, fi ha kɔ!
Ha nyɛ faako a wɔhome,
efisɛ ho agu fi,
Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.
11 Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se,
‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’
ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”
Ogye Ho Bɔhyɛ
12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob;
nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu.
Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu,
te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea;
nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.
13 Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim;
wobebu apon no na wɔafi akɔ.
Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim,
Awurade bɛyɛ wɔn ti.”