13
Nehemia Nsesɛw Foforo A Etwa To
Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase. Ase ne sɛ, bere a Israelfo fii Misraim no, wɔne wɔn anni no yiye. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpam ananafo no nyinaa fii aguabɔ no ase.
Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na ɔsɔfo Eliasib a woyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfo no a na ɔsan yɛ Tobia busuani no, adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de.
Saa bere no, na minni Yerusalem. Na masan kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahenni afe a ɛto so aduasa abien so. Akyiri no na ɔmaa me kwan sɛ mensan mmra. Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no, ɛtɔɔ me so, na miyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa gui. Afei mehyɛe sɛ, wonnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atoko afɔrebɔde ne aduhuam no san beguu mu.
10 Mesan huu sɛ wɔmfaa nea ɛsɛ sɛ Lewifo no nya no mmaa wɔn ɛ, enti na wɔne nnwontofo no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asan akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuw mu. 11 Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofo no nkyɛn, kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na moayi mo ani afi Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifo no nyinaa ma wɔsan bae, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.
12 Na bio, Yudafo nyinaa fii ase de wɔn atoko ntotoso du du, nsa foforo ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. 13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no.
 
14 Kae saa ade pa yi yɛ, me Nyankopɔn, na mma wo werɛ mfi nea mifi nokwaredi mu ayɛ nyinaa de ama me Nyankopɔn Asɔredan no.
 
15 Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda. 16 Na mmarima bi nso fi Tiro a wɔde nsumnam ne aguade ahorow bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafo wɔ Yerusalem fie ankasa! 17 Ɛno nti, mekɔɔ Yuda ntuanofo no so kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? 18 Munnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no nti na yɛn Nyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so mprempren yi brɛɛ yɛn ne yɛn kurow yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntraso mprempren no bɛma abufuwhyew aba Israelfo so.”
19 Na afei, mehyɛɛ sɛ, efi saa bere no rekɔ, Fida biara anwummere, wɔntoto kurow no apon mu a wommmue ara kosi sɛ Homeda no betwa mu. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfo kɔwɛn apon no, sɛnea wɔrentumi mfa aguade mma homeda no. 20 Aguadifo ne nsaanodwumayɛfo a wɔde aguade ahorow ba no soɛɛ wɔ Yerusalem mfikyiri pɛnkoro anaa mprenu. 21 Nanso mekasa kyerɛɛ wɔn anibere so se, “Dɛn na motete ɔfasu yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Efi hɔ no, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio. 22 Na mehyɛɛ Lewifo no sɛ, wonnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apon no sɛnea Homeda no kronkronyɛ no bɛka hɔ.
 
Kae saa ade pa yi yɛ nso, me Nyankopɔn, na wʼadɔe kɛse a ɛnsa da no nti, hu me mmɔbɔ.
 
23 Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab. 24 Na nea na enye koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforo bi kasa a na wontumi nka Yudafo kasa no koraa. 25 Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware. 26 Mibisae se, “Ɛnyɛ eyi bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so hene toto ne ho a, ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn dɔɔ no, na osii no hene wɔ Israel nyinaa so. Nanso ɔno mpo ananafo aware de no kɔɔ bɔne mu. 27 Dɛn na ɛhaw mo ma modwene sɛ mobɛware ananafo mmea, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na munni Onyankopɔn nokware?
28 Esiane sɛ ɔsɔfopanyin Eliasib babarima Yoiada aware Horonni Sanbalat babea nti, mepam no fii mʼanim.
 
29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, efisɛ wɔagu asɔfodwuma, asɔfo ne Lewifo bɔhyɛ ne ntam no ho fi.
 
30 Enti miguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma. 31 Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔremuka so no nso bɛba mmere a ɛsɛ mu, na afei wobegye otwa a edi kan no mu nnɔbae de abrɛ asɔfo no.
 
Kae eyi na dom me, me Nyankopɔn.