Odiyifo
Obadia
Nhoma
1
Edom Atemmu Ho Nkɔmhyɛ
Anisoadehu a Awurade Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni:
Yɛate asɛm a efi Awurade nkyɛn.
Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se,
“Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
 
Awurade ka kyerɛ Edom se:
“Hwɛ, mɛbrɛ wo ase.
Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu,
na wɔabu wo animtiaa.
Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,
Wo a wote abotan ntokuru mu
na woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so,
na woka kyerɛ wo ho se,
‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’
Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre,* Ɔkɔre. Anomaa a obu ne ho sɛ ɔhene na ɔwɔ ahoɔden a otumi de tu kɔ akyirikyiri na otumi hu ade kann nso. (5 Mose 28.49; Yes 40.31; Yer 4.13; 49.22; Hes 17.3).
na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a,
hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.”
Sɛnea Awurade se ni.
“Sɛ akorɔmfo ba wo so,
anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a,
atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?
Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana?
Sɛ bobe abatewfo ba wo so a,
ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?
Na wo Esau de, wobewia wʼademude
a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa
bedi wo huammɔ.
Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ
wo ne wɔn te asomdwoe mu no
bɛdaadaa wo adi wo so,
wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri,
nanso, wunhui.
 
“Saa da no,” Awurade na ose,
“Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana,
mmarima a wɔte asɛm ase
a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?
Teman Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛnea Yeremia ka wɔ 49.7, 20. Teman nkyerɛase yɛ “anafo.” Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafo asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase se Tawilan a ɛda borɔfokwansin abiɛsa wɔ Petra apuei fam. wʼakofo bɛbɔ hu
ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no,
wobetwitwa mo atɔre mo ase.
10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti
aniwu bɛka wo,
na wɔbɛsɛe wo koraa.
11 Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,
maa ananafo faa nʼahonyade kɔe
na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu,
na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,
na wote sɛ wɔn mu baako.
12 Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa
bere a ɔwɔ asiane mu,
anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so
bere a wɔwɔ ɔsɛe mu,
na mpo wohoahoa wo ho
bere a wɔwɔ ahohia mu no.
13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ
hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu
wɔ wɔn amanehunuda,
anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a
wɔwɔ ɔhaw mu.
Afei nso anka ɛnsɛ sɛ
wode wo nsa to wɔn ahode so gye
wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.
14 Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan so
kunkum nʼaguanfo
Na wuyi wɔn a aka no ma
wɔ wɔn amanehunuda no mu.
 
15 Awurade da no abɛn
ama amanaman nyinaa.
Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ no
saa ara na wɔbɛyɛ wo.
Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam.
16 Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no,
saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,
saa ara na ɛbɛkɔ so da biara
na wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ.
17 Na ogye bɛba Sion bepɔw so
na ɛbɛyɛ kronkronbea,
na Yakob nsa
bɛsan aka nʼagyapade.
18 Yakob bɛyɛ ogya
na Yosef ayɛ ogyatannaa;
Esau bɛyɛ adehunu bi
na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a
obiara renka wɔ Esau ase.”
Nea Awurade se ni.
 
19 Nkurɔfo a wofi Negeb no
bɛtena Esau mmepɔw so,
Na wɔn a wofi nkoko no ase no,
bɛfa Filisti asase no,
na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so,
na Benyamin nso afa Gilead.
20 Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan no
bɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat;
na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu a
wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.
21 Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so,
akodi Edom mmepɔw no so.
Na ahenni no bɛyɛ Awurade de!

*1:4 Ɔkɔre. Anomaa a obu ne ho sɛ ɔhene na ɔwɔ ahoɔden a otumi de tu kɔ akyirikyiri na otumi hu ade kann nso. (5 Mose 28.49; Yes 40.31; Yer 4.13; 49.22; Hes 17.3).

1:9 Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛnea Yeremia ka wɔ 49.7, 20. Teman nkyerɛase yɛ “anafo.” Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafo asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase se Tawilan a ɛda borɔfokwansin abiɛsa wɔ Petra apuei fam.