Paulo Nhoma A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Filipifo
1
Nkyia
Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,
 
Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa:
 
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
Paulo Mpaebɔ
Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. Saa ara nso na da biara mede anigye bɔ mpae ma mo, efisɛ efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. Eyi nti migye di yiye sɛ Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.
Sɛnea mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Efisɛ sɛ meda mpokyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. Onyankopɔn ankasa di me adanse sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu.
Me mpae a mebɔ ma mo ne sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin wɔ nimdeɛ ne ntease mu, 10 sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no na moayɛ kronkron a obi nka asɛm bi ntia mo. 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam akamfo no.
12 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw. 13 Ɛno nti awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, esiane sɛ meyɛ Kristo somfo no nti na meda afiase. 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduru so a wonsuro hwee.
15 Ɛyɛ nokware sɛ wɔn mu ebinom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase. 17 Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiasenna nna yi mu. 18 Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.
Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19 efisɛ minim sɛ mo mpaebɔ ne adom a efi Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti wobegyaa me. 20 Me pɛ ne mʼanidaso titiriw ne sɛ, mmere nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa bere yi, sɛ mete ase o, sɛ miwu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo anuonyam. 21 Me de, Kristo nti na mete ase; na mpo, owu yɛ me mfaso. 22 Nanso sɛ mete ase a, metumi ayɛ adwuma a so wɔ mfaso ama Kristo. Ɛno nti minhu mu nea memfa, asetena anaasɛ owu. 23 Eyi ayɛ me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ mitu fi wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye; 24 nanso mo nti, sɛ mete ase nso a anka eye. 25 Minim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno nti migye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyin wɔ gyidi mu anya anigye. 26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.
27 Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukura botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho. 28 Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse sɛ wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ Onyankopɔn ka mo ho. 29 Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom sɛ mubehu amane nso. 30 Afei mubetumi ne me abɔ mu ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwa mu no, mekoe na migu so reko sɛnea mote no.