2
Efeso Asafo No Nhoma
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se:
 
Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.
 
Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo. Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.
Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me sɛnea kan no na wodɔ me no. Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea. Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.
Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.
Smirna Asafo No Nhoma
“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna* Asia Kuropɔn a na ɛyɛ fɛ na ɛhyehye ne ho a na ɛne Roma gyina mpɔmpɔnso koro no. Na nneɛma a ɛma wotumi som ɔhempɔn no wɔ kurow no mu. Eyi ne Yudafo manfo a na wɔyɛ ahantantraso a wɔahyɛ hɔ ma nti ɛmaa hɔ tena yɛɛ den yiye maa Kristofo no.asafo no ano se:
 
Saa asɛm yi fi Ɔkannifo ne Okyikafo no nkyɛn. Nea owui na ɔte ase bio no.
 
Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan. 10  Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.
11  Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.
Pergamo Asafo No Nhoma
12  “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se:
 
Saa krataa yi fi nea ɔwɔ afoa anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
 
13  Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.
14  Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ Bileam tuu Midianfo mmea fo kyerɛɛ wɔn ɔkwammɔne a wɔmfa so nni Israelfo no anim mfa wɔn nkɔ bɔne mu (4 Mose 25.1-2; 31.16; Yud 11). Afide nneɛma na wakwadaw mu yiye a mpo otumi daadaa agyidifo ma wɔde wɔn ho frafra abosonsɛm mu.akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15  Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi. 16  Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn, na mede afoa a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.
17  Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.
Tiatira Asafo No Nhoma
18  “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se:
 
Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn.
 
19  Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.
20  Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, (Hwɛ 1 Ah 6.31; 2 Ah 9.22,30-37). Wɔbɔ saa din yi sɛ ɔbea daadaakra a wagye din a na ɔwɔ asafo no mu a na otwintwan Onyankopɔn mu ahotoso anan mu efisɛ akwan nyinaa mu, na ɔboa abosonsom.a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomafo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom aduan. 21  Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu. 22  Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye. 23  Afei, mekunkum nʼakyidifo§ Isabel yɛ honhom a na odi “nea mepɛ na meyɛ” nkyerɛkyerɛ anim.no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.
24  Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so. 25  Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.
26  Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii 27  mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade pema adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku. 28  Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn. 29  Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.

*2:8 Asia Kuropɔn a na ɛyɛ fɛ na ɛhyehye ne ho a na ɛne Roma gyina mpɔmpɔnso koro no. Na nneɛma a ɛma wotumi som ɔhempɔn no wɔ kurow no mu. Eyi ne Yudafo manfo a na wɔyɛ ahantantraso a wɔahyɛ hɔ ma nti ɛmaa hɔ tena yɛɛ den yiye maa Kristofo no.

2:14 Bileam tuu Midianfo mmea fo kyerɛɛ wɔn ɔkwammɔne a wɔmfa so nni Israelfo no anim mfa wɔn nkɔ bɔne mu (4 Mose 25.1-2; 31.16; Yud 11). Afide nneɛma na wakwadaw mu yiye a mpo otumi daadaa agyidifo ma wɔde wɔn ho frafra abosonsɛm mu.

2:20 (Hwɛ 1 Ah 6.31; 2 Ah 9.22,30-37). Wɔbɔ saa din yi sɛ ɔbea daadaakra a wagye din a na ɔwɔ asafo no mu a na otwintwan Onyankopɔn mu ahotoso anan mu efisɛ akwan nyinaa mu, na ɔboa abosonsom.

§2:23 Isabel yɛ honhom a na odi “nea mepɛ na meyɛ” nkyerɛkyerɛ anim.