WAKNA
Yesu Ho Pɔwbɔ
22
Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro. Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu. Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika. Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.
Adidi A Etwa To No
Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no, Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”
Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”
10 Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu, 11 na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’ 12 Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”
13 Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.
14 Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho. 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ. 16 Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi. 18 Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”
19 Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”
20 Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa. 21 Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama. 22 Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.” 23 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.
Yesu Kasa Tia Ahomaso
24 Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu. 25 Yesu tee no, ɔkae se, “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye. 26 Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo. 27 Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo. 28 Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam. 29 Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. 30 Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”
Pa A Wɔpa Yesu
31 Afei Awurade kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. 32 Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”
33 Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”
34 Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
35 Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?”
Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi. 37 Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
38 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.”
Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”
Ngo Bepɔw So Mpaebɔ
39 Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho. 40 Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” 41 Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se, 42 “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ” 43 Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den. 44 Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.
45 Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda. 46 Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
Wɔkyere Yesu
47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono. 48 Yesu bisaa no se, “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”
49 Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?” 50 Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.
51 Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnyɛ eyi bi bio!” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio.
52 Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi? 53 Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”
Petro Pa Yesu
54 Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”
57 Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.”
Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee. 61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, 62 Petro de awerɛhow fii adi kosui.
Yesu Ho Fɛwdi
63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64 san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65 Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.
Yesu Gyina Baguafo Anim
66 Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim 67 bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.”
Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni, 68 na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me. 69 Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”
70 Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?”
Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”
71 Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”
Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim
23
Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”
Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?”
Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”
Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”
Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”
Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?” Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ. Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano. 10 Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so. 11 Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato. 12 Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
Pilato Di Ma Yesu
13 Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no, 14 ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ. 15 Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ. 16 Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 17 Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.
20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no. 21 Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”
22 Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
23 Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu. 24 Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn. 25 Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.
Yesu Asennuambɔ
26 Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi. 27 Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. 28 Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma. 29 Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’ 30 Saa bere no
“ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!” ’
31 Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”
32 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn. 33 Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. 34 Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.
35 Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
36 Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no 37 kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.”
38 Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se,
“YUDAFO HENE NO NI.”
39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu. 41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
42 Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.”
43 Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”
Yesu Wu
44 Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa. 45 Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien. 46 Yesu teɛɛ mu dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
47 Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.” 48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. 49 Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.
Wosie Yesu
50 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no. 51 Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so. 52 Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.*Wonsie ɔdebɔneyɛni a wɔakum no no amu. Mmom wotumi gyaw wɔ faako a wosie ahiafo. Na obusuani te sɛ ɛna tumi kɔsrɛ ɔdebɔneyɛni no amu no. Ɛyɛ akokodurusɛm kɛse sɛ Yosef a ɔka Sanhedrin ho no kɔsrɛɛ sɛ wɔmfa Yesu amu no mma no. 53 Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. 54 Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.Fida ne da a edi homeda anim a wɔyɛ ahoboa de twɛn homeda no di. Ahosiesie Da no tumi yɛ da a edi Twam Afahyɛ anim. Ɛha no, wobetumi afa no sɛ Twam ahosiesie da. Esiane sɛ edi homeda no anim nti; ɛyɛ Fida.
55 Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae. 56 Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no,Ntama basafa kakra ne ngo huamhuam bebree na wɔde siesie funu ansa na wɔasie. Nnuhuam nsania ani nkaribo 75 na wɔde yɛɛ adwuma anwummere a edi kan no (Yoh 19.39). Wɔtɔɔ nnuhuam no bi kaa ho de twɛn sɛ mmea no bɛsan aba homeda no akyi. nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.
Yesu Asɔre
24
Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ. Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?” Mmea no kaee asɛm no.
Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. 10 Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi. 11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni. 12 Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.
Emaus Kwan So
13 Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason. 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15 Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. 16 Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.
17 Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”
18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”
19 Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?”
Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20 ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho. 21 Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii. 22 Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23 nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase. 24 Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi. 26 Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?” 27 Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.
28 Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so. 29 Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.
30 Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn. 31 Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae. 32 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”
33 Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. 34 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” 35 Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.
Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafo No
36 Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo!”
37 Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 38 Obisaa wɔn se, “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me? 39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”
40 Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi ana?” 42 Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto 43 ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”
45 Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu. 47 Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan. 48 Mone eyinom nyinaa ho nnansefo. 49 Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
Yesu Sorokɔ
50 Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52 Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem. 53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.
Yohane
Asɛmpa No
Hann A Ɛwɔ Sum Mu
1
Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Mfiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.
Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi. Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa se ɔrebedi hann no ho adanse.
Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no. 10 Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no. 11 Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu. 12 Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma 13 wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.
14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.
15 Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ” 16 Ofi ne mmɔborɔhunu a to ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. 17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu Kristo so na yenyaa adom ne nokware. 18 Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no.
Yohane Adansedi
19 Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no ana?” 20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ me ne Agyenkwa no.”
21 Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?”
Obuaa wɔn se, “Dabi.”
Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?”
Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”.
22 Wɔsan bisaa no se, “Ɛno de, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
23 Yohane buaa wɔn se, “Mene nne a efi sare so a ɛteɛ mu sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no.’ ”
24 Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se, 25 “Sɛ ɛnyɛ wo ne Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?”
26 Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no, 27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.”
28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
Yohane Di Yesu Ho Adanse
29 Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛ mu kae se, “Hwɛ, Onyankopɔn Guamma a oyi wiase bɔne kɔ no! 30 Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’ 31 Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.”
32 Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian afi ɔsoro. 33 Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’ 34 Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”
Yesu Asuafo A Wodi Kan
35 Ade kyee a Yohane ne nʼasuafo no mu baanu gyina baabi no, wohuu sɛ Yesu retwa mu. 36 Yohane hwɛɛ no kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guamma no!”
37 Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi. 38 Yesu twaa nʼani huu sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?”
Wɔn nso bisaa no se, “Rabi” (a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo), “ɛhe na wote?”
39 Obuaa wɔn se, “Mommra mmɛhwɛ.”
Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte na wɔne no tenaa hɔ fii awia nnɔnnan kosii anwummere.
40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. 41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no). 42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn.
Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa” (ɛno ara ne Petro a ne nkyerɛase ne Ɔbotan no).
Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael
43 Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.”
44 Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no. 45 Filipo fii hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.”
46 Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret aba?”
Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.”
47 Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, “Israelni nokwafo ni ampa.”
48 Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?”
Yesu nso buaa no se, “Bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
49 Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”
50 Yesu bisaa no se, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na wugye di ana? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom. 51 Mereka nokware akyerɛ mo se, mubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ Onipa Ba no so.”
Yesu Ma Nsu Dan Nsa
2
Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na wɔ hɔ, na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba hɔ bi. Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”
Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui.”
Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.”
Na abo asuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho wɔ amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.
Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, “Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama.” Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”
Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no 10 ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”
11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.
12 Ayeforohyia no akyi no, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no dii nna kakra wɔ Kapernaum.
Yesu Kɔ Asɔredan Mu
13 Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu nti, Yesu kɔɔ Yerusalem. 14 Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohuu sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. 15 Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. 16 Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae sɛ mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!” 17 Asuafo no kae se, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwen ahyɛ me so.”
18 Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”
19 Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”
20 Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?” 21 Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, 22 Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.
23 Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii. 24 Nanso Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ na onim sɛnea nnipa suban te. 25 Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.
Text info
WAKNA