3
Nebukadnessar Yɛ Sikakɔkɔɔ Ohoni
Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso yɛ anammɔn akron. Wɔde sii Dura tataw so wɔ Babiloniaman mu. Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase. Bere a ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo no behyiae sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wobegyinagyinaa ohoni no anim.
Na wɔbɔɔ dawuru teɛɛ mu se, “Nnipa ahorow ne aman ahorow ne kasa ahorow nyinaa muntie nea ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ! Sɛ mote abɛn, odurugya, sanku, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, monkotow fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no. Obiara a wankotow fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw wɔ mu framfram mu.”
Enti bere a wɔtee abɛn, odurugya sanku, sankuten, sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, nnipa no nyinaa ne aman ahorow ne wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa kotow fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.
Nanso Kaldeafo no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa faa Yudafo no ho se, “Nana wo nkwa so! 10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfo se, obiara te abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, ɔnkotow fam, na ɔnsɔre sika ohoni no, 11 na obiara a wantie ankɔtow ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw framfram wɔ mu no mu. 12 Nanso Nana, Yudafo bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtiaa, na wɔansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no.”
13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuw yiye, na ɔhyɛe se, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn bae no, 14 Nebukadnessar bisaa wɔn se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokware sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no? 15 Mɛma mo kwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, na mokotow fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛtow mo agu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na obetumi agye mo afi me tumi ase?”
16 Sadrak, Mesak ne Abednego buae se, “Nana Nebukadnessar, yennye nni sɛ ho hia sɛ yeyi yɛn ho ano wɔ wʼanim. 17 Sɛ wɔtow yɛn gu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no begye yɛn. Nana, obegye yɛn afi wo tumi ase. 18 Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte ase sɛ, sɔre de, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no da biara da.”
Wɔde Mmerante Baasa Gu Fononoo Gyatannaa Mu
19 Nebukadnessar bo fuw Sadrak, Mesak ne Abednego yiye, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no gya no hyew no nnɔ mmɔho ason. 20 Afei ɔhyɛɛ nʼasraafo mu mmarima ahoɔdenfo pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔntow wɔn ngu fononoo no mu gyatannaa no mu. 21 Enti wɔkyekyeree saa nkurɔfo yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntade, wɔn mmotiri ne wɔn ntama papee, tow wɔn guu fononoo gya a ɛredɛw no mu. 22 Na esiane ɔhene no abufuwtraso ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyerehyere mmoroso no nti, asraafo a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu wɔ ogyatannaa no ano. 23 Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn papee no hwehwee ogya fononoo a ɛredɛw no mu.
24 Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ohuruw teɛɛ mu ahodwiriw so guu nʼafotufo no so se, “Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyee wɔn tow wɔn guu fononoo no mu?”
Wobuae se, “Yiw, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”
25 Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!”
26 Na Nebukadnessar twiw bɛn fononoo a ogya redɛw wɔ mu no pon ano, sɛnea obetumi, teɛɛ mu se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Nyankopɔn asomfo, mumfi mmra! Mommra ha!”
Ɛno nti, Sadrak, Mesak ne Abednego fii ogya no mu bae. 27 Afei, ahenemma, mpanyimfo, amradofo ne afotufo betwaa wɔn ho hyiae, na wohuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tinwi mpo ho anka. Na wɔn ntade anhyew. Na wusiw mpo mmɔn wɔn ho.
28 Afei Nebukadnessar kae se, “Ayeyi nka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn. Ɔsomaa ne bɔfo, ma wobegyee nʼasomfo a wogye no di no. Wobuu me, ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam mae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara, gye wɔn Nyankopɔn. 29 Ne saa nti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfo ne kasa ahorow nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wobetwitwa wɔn mu asinasin na wɔadwiriw wɔn afi ama adan wura. Nyame biara nni hɔ a obetumi agye nkwa sɛɛ yi.”
30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Babiloniaman mu.