17
Akɔre Abien Ne Bobe Ho Asɛm
Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu, buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu.
“ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ.
“ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu. Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’
“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase. 10 Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’ ”
11 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 12 “Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13 Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe, 14 sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. 15 Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana?
16 “ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no. 17 Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no. 18 Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni.
19 “ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so. 20 Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware. 21 Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me Awurade makasa.
22 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so. 23 Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu. 24 Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me Awurade, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm.
“ ‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’ ”