22
Yerusalem Nnebɔne
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
 
“Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu. Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.
“ ‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu. Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani. Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi. Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade. 10 Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu. 11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea. 12 Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.
13 “ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. 14 Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. 15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. 16 Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene Awurade no.’ ”
17 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18 “Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara. 19 Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. 20 Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo. 21 Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu. 22 Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’ ”
23 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’ 25 Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu. 26 Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. 27 Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. 28 Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ wɔ bere a Awurade nkasaa ɛ. 29 Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn.
30 “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara. 31 Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo Awurade asɛm ni.”