24
Ɔsɛn No
Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara. Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so
na hwie nsu gu mu.
Fa namkum no gu mu,
namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa.
Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma;
fa nguankuw no mu nea odi mu.
Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no;
ma enhuru
na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
 
“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,
nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren,
na nea ɛwɔ mu aka mu no!
Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu
a wompaw mu koraa.
 
“ ‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini:
ohwie guu ɔbotan wosee so;
wanhwie angu fam,
baabi a mfutuma bɛkata so.
Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti
mede ne mogya guu ɔbotan wosee so
sɛnea ɛso renkata.
 
“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!
Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro.
10 Enti hyehyɛ nnyansin no
na sɔ gya no.
Noa nam no yiye,
fa ahuamhuanne fra mu;
na ma nnompe no nhyew.
11 Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no so
kosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ
sɛnea mu fi no bɛnan
na nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe.
12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;
mu fi dodow no ankɔ,
ogya mpo antumi anyi.
13 “ ‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo.
 
14 “ ‘Me Awurade na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”
Hesekiel Yere Wu
15  Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 16 “Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu. 17 Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.”
18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no.
19 Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?”
20 Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21 Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano. 22 Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di. 23 Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu. 24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’
25 “Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no, 26 saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo. 27 Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene Awurade no.”