30
Misraim Ho Kwadwom
Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Twa adwo na ka se,
“Ao da no!”
Na da no abɛn,
Awurade da no abɛn,
omununkum da,
amanaman no atemmu bere.
Afoa bi bɛsɔre atia Misraim,
na ahoyeraw bɛba Kus so.
Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a
wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ
na wɔabubu ne fapem agu fam.
Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.
“ ‘Sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Misraim nnamfonom bɛtotɔ
na nʼahomaso ahoɔden bedi no huammɔ.
Efi Migdol kosi Aswan
wɔbɛtotɔ wɔ afoa a ɛwɔ ne mu no ano,
Otumfo Awurade asɛm ni.
Wɔbɛdeda mpan
wɔ nsase a ada mpan mu,
na wɔn nkuropɔn bebubu aka
nkuropɔn a abubu ho.
Afei wobehu sɛ mene Awurade no,
bere a mede ogya ato Misraim mu
na madwerɛw nʼaboafo nyinaa no.
“ ‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.
 
10 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awiei
mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
11 Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo,
wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.
Wɔbɛtwe wɔn afoa atia Misraim
na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
12 Mɛma Nil mu nsu ayow
na matɔn asase no ama nnipa bɔne;
menam ananafo so
bɛsɛe asase no ne nea ɛwɔ mu nyinaa.
Me Awurade na maka.
 
13 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Mɛsɛe ahoni no
na mede Memfis nsɛsode ahorow no aba awiei.
Misraim rennya mmapɔmma bio,
na mɛma hu aba asase no so nyinaa.
14 Mɛsɛe Misraim Atifi,
ato Soan mu gya
na matwe Tebes aso.
15 Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so,
Misraim bammɔ dennen no,
na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
16 Mɛto Misraim mu gya;
Pɛlusum de ɔyaw bebubu ne mu.
Ahum bebu afa Tebes so;
na Memfis bedi abooboo da biara.
17 Heliopolis ne Bubastis mmerante
bɛtotɔ wɔ afoa ano,
na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommum mu.
18 Sum kabii beduru Tapanhes, da no
sɛ mibubu Misraim konnua no a;
hɔ na nʼahomaso ahoɔden bɛba awiei.
Omununkum bɛkata no so,
na ne nkuraa bɛkɔ nnommum mu.
19 Ɛno nti mɛtwe Misraim aso,
na wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”
20 Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21 “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu. 22 Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam. 23 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. 24 Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne. 25 Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no. 26 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”