36
Israel Mmepɔw Ho Nkɔmhyɛ
“Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw na ka se: ‘Israel mmepɔw, muntie Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ Ɛno nti, hyɛ nkɔm na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno nti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapade ne nnipa no ahohora nsɛnka ne atwetwesi, ɛno nti, Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm: Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon, nnwiriwii a ada mpan ne nea ayɛ amamfo, nkurow amamfo a wɔadwiriw agu na aman no nkae a atwa wɔn ho ahyia no di wɔn ho fɛw. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mifi anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, efisɛ wɔde fɛwdi ne adwemmɔne ayɛ me man wɔn agyapade, sɛnea wobetumi afom ne didibea.’ Ɛno nti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, subon ne abon se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede ninkutwe mu anibere kasa, efisɛ amanaman no abu wo animtiaa. Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wobebu wɔn animtiaa.
“ ‘Nanso mo, Israel mmepɔw, mubenya mman, asow aba ama me nkurɔfo Israelfo, efisɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba fie. Mo ho hia me na mehu mo mmɔbɔ; wobefuntum mo na wɔadua mo so aba, 10 na mɛma wo so nnipa adɔɔso, Israelfi nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkurow no so bio, na wobesisi nnwiriwii no nso. 11 Mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso wɔ mo so na wɔbɛwowo na wɔadodɔ, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kan no na wɔbɛma woadi yiye asen kan no. Na afei mubehu sɛ mene Awurade no. 12 Mɛma nkurɔfo, me nkurɔfo Israelfo, anantew wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapade na woremma wonni mmakɔm bio.
13 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ nkurɔfo ka kyerɛ wo se, “Wukum nnipa we na woma wo man no hwere nʼadehye,” 14 ɛno nti worenkum nnipa nwe bio na woremma wo man nhwere nʼadehye bio, Otumfo Awurade asɛm ni. 15 Meremma wonte amanaman no fɛwdi bio, na worenhu nkurɔfo no animtiaabu bio, na wo man nso renhwe ase bio, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”
16  Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 17 “Onipa ba, bere a Israelfo te wɔn ankasa asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbea ɔsram-sram afide wɔ mʼani so. 18 Enti mihwiee mʼabufuwhyew guu wɔn so, efisɛ wɔahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi. 19 Mebɔɔ wɔn ahwete wɔ amanaman mu, na wɔhwete faa amanaman mu; migyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe so buu wɔn atɛn. 20 Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, woguu me din kronkron ho fi, efisɛ wɔka faa wɔn ho se, ‘Eyinom yɛ Awurade nkurɔfo, nanso na ɛsɛ sɛ wofi nʼasase so.’ 21 Me din kronkron ho hia me, nea Israelfi guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.
22 “Ɛno nti, ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Israelfi, ɛnyɛ mo nti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no nti, nea muguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no. 23 Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a moagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, din a moagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wohu a, afei amanaman no behu sɛ mene Awurade no, Otumfo Awurade asɛm ni.
24 “ ‘Na meyi mo afi amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afi nsase no nyinaa so de mo asan aba mo ankasa asase so. 25 Mede nsu kurunnyenn bɛpete mo so na mo ho atew: Mɛtew mo ho afi nkekae ne mo ahoni nyinaa ho. 26 Mɛma mo koma foforo na mede honhom foforo ahyɛ mo mu. Meyi koma a ɛte sɛ ɔbo no afi mo mu na mama mo koma foforo a ɛyɛ ɔhonam. 27 Na mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mama moadi mʼahyɛde so na moahwɛ adi me mmara so. 28 Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 29 Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduan aba ama abu so na meremma ɔkɔm mma mo so. 30 Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuw nso abɔ nnɔbae sɛnea ɔkɔm nti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu. 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo amumɔyɛ, na mo bɔne ne akyiwade nti, mo ho bɛyɛ mo nwini. 32 Mepɛ sɛ muhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi, Otumfo Awurade asɛm ni. Momfɛre na momma mo ani nwu wɔ mo abrabɔ ho Israelfi!
33 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a mɛtew mo ho afi mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkurow so bio na wobesisi nnwiriwii no bio. 34 Asase a ada mpan no, wobedua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛnea na ɛte wɔ wɔn a na wotwa mu fa hɔ no ani so no. 35 Wɔbɛka se, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo, nkuropɔn a na adan nnwiriwii, ayɛ amamfo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.” 36 Afei aman a aka a atwa mo ho ahyia no behu sɛ me Awurade makyekyere nea na asɛe na madua wɔ nea na ada mpan so, me Awurade na maka na mɛyɛ.’
37 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Metie Israelfi abisade na mayɛ eyi ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfo adɔɔso sɛ nguan, 38 wɔbɛdɔɔso sɛ nguankuw a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔde wɔ nʼafahyɛnna. Saa ara na nnipa dodow bɛhyɛ nkuropɔn a adwiriw no so ma. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”