9
Wokunkum Ahonisomfo
Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.” Mihuu sɛ mmarima baasia fi atifi pon a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura awudi akode. Na ɔbarima bi a ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba begyinaa kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho.
Na Israel Nyankopɔn anuonyam maa ne ho so fi kerubim no so, faako a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no kwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu no ka kyerɛɛ no se, “Nantew fa Yerusalem nkuropɔn nyinaa mu na fa agyiraehyɛde keka wɔn a wosu na wodi awerɛhow wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”
Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no se, “Munni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na munkunkum, a monnkyerɛ ahummɔbɔ anaa ɔtema biara. Munkunkum nkwakoraa, mmerante ne mmeawa, mmea ne mmofra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ agyiraehyɛde no. Mumfi ase wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no fii ase.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adiwo hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔe, na wofii ase kunkum nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. Bere a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mibutuw hɔ sui se, “Aa, Otumfo Awurade! Worebɛsɛe Israel nkae yi nyinaa esiane wʼabufuwhyew a aba Yerusalem so yi nti ana?”
Na obuaa me se, “Israelfi ne Yuda amumɔyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyew ahyɛ asase no so ma. Wɔka se, ‘Awurade agyaw asase no; Awurade nhu.’ 10 Ɛno nti, merenhu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa ti so.”
11 Afei ɔbarima a ofura nwera na nkyerɛwe ade bɔ ne nkyɛn mu no de nkra bae se, “Mayɛ sɛnea wohyɛe no.”