3
Haman Pam Yudafo Ti So
Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri. Sɛ Haman reba a, ɔhene mpanyimfo no bɔ wɔn mu ase de kyerɛ obu ne nidi a wɔwɔ ma no, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ. Nanso Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obu ne nidi nso da.
Ahemfi mpanyimfo a wɔwɔ ɔhene pon ano no bisaa Mordekai se, “Adɛn nti na worebu ɔhene mmara so?” Wɔkasa kyerɛɛ no mpɛn pii nanso ɔkɔɔ so buu mmara no so. Enti wɔbɔɔ Haman amanneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so ana, efisɛ na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.
Bere a Haman huu sɛ Mordekai nkotow no, anaa ɔnna obu ne nidi adi nkyerɛ no no, ne bo fuwii. Enti Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔrenhaw Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de atɔre Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.
Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.
Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahenni yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforo biara de bɔ abira, na mpo, wobu ɔhene mmara so. Ɛno nti, enye mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase. Sɛ ebetumi a, Ɔhempɔn, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammuifo dwetɛ tɔn ahaasa aduɔson anum na wɔde agu adehye foto no mu.”
10 Ɔhene no penee so, worɔw ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no de sii asɛm no so dua.* 11 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛnea wopɛ no biara.”
12 Abib (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene akyerɛwfo ma ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw de kɔma mmapɔmma, amantam amradofo a wɔwɔ mmeae nyinaa, adwumayɛfo a wɔwɔ amantam no mu ma wɔkyerɛw no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kaa no sɔw ano, 13 na wɔde somaa abɔfo ma wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wokunkum Yudafo nyinaa, mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, tɔre wɔn ase da koro na wɔfa wɔn agyapade. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. 14 Wɔde mmara no sɛso bi bɛkɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfo nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛnea wobetumi adi dwuma no wɔ da a wɔahyɛ no.
15 Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.
* 3:10 Na wɔde adehyekaa na ɛhyɛ wɔn mmara mu den.