5
Ɛster Adesrɛ
Nnansa akyi no, Ɛster hyɛɛ nʼahemmea atade kɔɔ ahemfi no adiwo hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa so. Na ɔhene no te nʼahengua so a nʼani kyerɛ abɔnten kwan ano. Bere a ohuu Ɔhemmea Ɛster sɛ ogyina adiwo hɔ no, ogyee no fɛw so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempema no kyerɛɛ ne so. Enti Ɛster bɛn kosoo pema no ti.
Na ɔhene no bisaa no se, “Ɔhemmea Ɛster, dɛn na wohwehwɛ? Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”
Na Ɛster buae se, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhempɔn, wo ne Haman mmra aponto a masiesie ama wo nnɛ no ase.”
Ɔhene no dan ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Monka nkyerɛ Haman se, ɔmmra aponto no ase mprempren ara, sɛnea Ɛster asrɛ no.”
Enti ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster aponto no ase. Na bere a wogu so renom nsa no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster se, “Afei, ka nea wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛde yɛ dɛn? Sɛ wubisa mʼaheman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”
Ɛster buae se, “Mʼadesrɛ a me koma da ho pa ara ni: Sɛ ɔhempɔn ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra ɔpon a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo eyi nyinaa ase.”
Haman Pɛ Mordekai Wu
Haman fii aponto no ase no, na nʼani agye mmoroso! Nanso ohuu Mordekai a ɔte pon no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuwii. 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ fie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho no ano, 11 de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho. 12 Haman ka kaa ho se, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmea Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼaponto ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena. 13 Nanso sɛ mihu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfi pon ano a, me bo nnwo koraa.”
14 Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa no adwene se, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no se, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigye ne ɔhene no bɛkɔ aponto no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yiye ma ɔhyɛɛ sɛ wonsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.