7
Wokum Haman
Enti ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmea Ɛster aponto no ase. Wɔrenonom nsa saa da no, ɔhene no ka kyerɛɛ no bio se, “Ɔhemmea Ɛster, kyerɛ me nea wopɛ. Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”
Ɔhemmea Ɛster buae se, “Sɛ Ɔhempɔn ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisade ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, obegyaa me nkwa ne me manfo nkwa mu ama yɛn. Efisɛ wɔatɔn me ne me manfo ama nnipa a wobekunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, efisɛ ɛno de, ɛyɛ asɛm ketewa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”
Ɔhene Ahasweros bisae se, “Hena na ɔbɛyɛ saa? Na hena na obetumi de ne nsa aka wo?”
Ɛster buae se, “Saa omumɔyɛfo ne ɔtamfo yi ne onimguasefo Haman.”
Ehu maa Haman ho popoo wɔ ɔhene ne ɔhemmea no anim. Ɔhene no de abufuw huruw gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfi hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, guan toaa Ɔhemmea Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, efisɛ na onim sɛ nʼawie adu.
Ɔtew hwee Ɔhemmea Ɛster mpa a ɔrehome wɔ so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso fii ahemfi no turo mu hɔ bae.
Ɔhene no bobɔɔ mu se, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmea yi bere a ɔwɔ me nkyɛn wɔ fie ha nso?”
Ɔhene no kasa wiee ara pɛ, nʼasomfo no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawie adu.* Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no piamfo no mu baako kae se, “Haman asi dua a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum wɔ ɔno ara nʼadiwo. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ogyee ɔhene nkwa no wɔ so.”
Afei, ɔhene no kae se, “Monsɛn Haman wɔ so.” 10 Enti wɔsɛn Haman wɔ dua no a osi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoe.
* 7:8 Sɛ wɔkata obi ti so a na ɛkyerɛ sɛ wɔabu no kumfɔ.