4
Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwɔ mu sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam. Esiane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kosi bere a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no.
Onyankopɔn Tɔɔ Ahofadi Maa Yɛn
Saa ara na na yɛn nso yɛte. Na yɛte sɛ mmofra a wiase ahonhom dii yɛn so. Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no wɔ Mmara ase sɛ ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. Esiane sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn koma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.
Galatifo Ho Hia Paulo
Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? 10 Mudi nna, asram, nnapɔnna ne mfe bi. 11 Misuro sɛ ɔkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.
12 Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. 13 Sɛnea munim no, bere a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede ɔyare na ɛbae. 14 Ɛwɔ mu sɛ na me yare no haw mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu. 15 Anigye a mowɔ no nyinaa afa he? Metumi aka se, sɛ mubetumi a anka mubetutu mo ani de ama me. 16 Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi?
17 Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho. 18 Eye sɛ mobɛyɛ nsi bere biara, bere a mewɔ mo nkyɛn ne bere a minni mo nkyɛn mpo. 19 Me mma pa, mo a mo nti merehu awoyaw bio kosi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, 20 mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masakra ɔkwan a mefa so kasa, efisɛ me tirim ntew me wɔ mo ho.
Hagar Ne Sara
21 Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara no ase no, munnim nea mmara no ka no ana? 22 Wɔakyerɛw se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo ɔbaako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo ɔbaako. 23 Wɔwoo afena ba no wɔ ɔhonam kwan so, na Onyankopɔn bɔhyɛ nti na ɔbea a ɔde ne ho no nso woo ne ba no.
24 Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ saa mmea baanu yi gyina hɔ ma apam abien. Apam baako fi bepɔw Sinai so, na egyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar. 25 Hagar gyina hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, efisɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. 26 Nanso Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na. 27 Efisɛ wɔakyerɛw se,
“Ao ɔbea a woyɛ obonin, di ahurusi,
wo a wonwoo da;
ma wo nne so na teɛ mu,
wo a awo nkaa wo da,
efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso
sen nea ɔwɔ kunu.”
28 Me nuanom mmea ne mmarima, bɔhyɛ no nti na wɔwoo mo sɛnea wɔwoo Isak no. 29 Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na nnɛ yi nso ɛte saa. 30 Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi fi ha; efisɛ afenaa babarima no ne ɔdehye no renkyɛ agyapade no.” 31 Enti anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.