6
Papayɛ
Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufo no fa odwo kwan so teɛ no. Nanso monhwɛ yiye na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, na mudi Kristo mmara no so. Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitiriw nanso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. Yɛ wʼadwuma yiye na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforo ho; efisɛ ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa. Wone nea ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn asɛm no nkyɛ ade pa biara a wowɔ.
Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa. Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa. Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, efisɛ bere a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa abaw a yebetwa nnɔbae no. 10 Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ gyidifo abusua.
 
Ɛnyɛ Twetiatwa Na Mmom Abɔde Foforo
11 Monhwɛ nkyerɛw akɛse a mede mʼankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo.
 
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwitwa twetia. Nea enti a wɔyɛ eyi ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asennua no nti wɔtaa wɔn. 13 Wɔn a wotwa twetia no mpo nni mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wotwa mo twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifo. 14 Nanso me de, Awurade Yesu Kristo asennua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasennua no nti, nea mede hoahoa me ho wɔ wiase no awu, na saa ara na nea wiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu. 15 Sɛ obi atwa twetia anaa ontwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne abɔde foforo. 16 Onyankopɔn adɔe ne nʼasomdwoe nka wɔn a wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔne Onyankopɔn mu nnipa foforo.
 
17 Efi saa bere yi rekɔ, obiara nhaw mʼadwene bio, efisɛ mewɔ ɔhonam ani twã a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu de.
 
18 Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.