13
Awurade Abufuw A Etia Israel
Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;
wɔma no so wɔ Israelman mu.
Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.
Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara;
wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,
nsɛsode no nyinaa no.
Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ.
Wɔka nnipa yi ho asɛm se,
“Wɔde nnipa bɔ afɔre
na wofew nantwimma ahoni ano.”
Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum
sɛ anɔpa bosu a etu yera,
sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea
sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.
 
“Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn,
a miyii wo fii Misraim.
Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,
anaa Ogyefo biara sɛ me.
Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so,
asase a so yɛ hyew yiye no so.
Memaa wɔn aduan no, wodi mee;
wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan;
na wɔn werɛ fii me.
Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata,
mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.
Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu
te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma.
Mɛwe wɔn te sɛ gyata;
wuram aboa besunsuan wɔn mu.
 
“Wɔasɛe wo, Israel,
efisɛ woasɔre atia me,
me a meyɛ wo boafo.
10 Wo hene wɔ he na wabegye wo?
Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he,
wɔn a wokaa faa wɔn ho se,
‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
11 Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene,
na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.
12 Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano
wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.
13 Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo,
na abofra no nnim nyansa nti;
sɛ bere no du a,
ɔmma awotwaa no ano.
 
14 “Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu.
Megye wɔn afi owu nsam.
Owu, wo nwowɔe wɔ he?
Asaman, wo sɛe wɔ he?
 
“Merennya ayamhyehye biara,
15 mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a.
Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba,
ɛbɛbɔ afi nweatam so;
osu rentɔ asusowbere
na nʼabura bɛyow.
Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma
nea ɛsom bo no nyinaa.
16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu,
efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn.
Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano;
wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam,
wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”