5
Atemmu A Etia Israel
“Muntie, mo asɔfo!*
Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo!
Monyɛ asow, adehyefi!
Saa atemmu yi tia mo:
Moayɛ afiri wɔ Mispa,
ne asau a wɔagu no Tabor so.
Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.
Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
Minim Efraim ho nsɛm nyinaa;
wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ.
Efraim, mprempren de wobɔ aguaman;
na Israel aporɔw.
 
“Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan
mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn.
Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu;
wonnye Awurade nto mu.
Israel ahantan di tia no.
Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu;
Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.
Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi
kɔhwehwɛ Awurade a
Wɔrenhu no,
efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.
Wɔanni Awurade nokware.
Wɔwowoo aguaman mma.
Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a,
ɔbɛsɛe wɔn nsase.
 
“Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea.
Hyɛn mmɛn no wɔ Rama.
Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen;
Benyamin, monsɔre nni anim.
Efraim bɛda mpan
wɔ akontaabu da.
Israel mmusuakuw no mu no
mepae mu ka nea ɛwɔ mu.
10 Yuda sodifo no te sɛ
wɔn a woyiyi ahye so abo.
Mehwie mʼabufuw agu wɔn so
te sɛ nsuyiri.
11 Wɔhyɛ Efraim so,
wotiatia ne so wɔ atemmu mu,
wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.
12 Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim
na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.
 
13 “Bere a Efraim huu ne yare,
na Yuda nso huu nʼakuru no,
Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.
Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa.
Nanso wantumi ansa no yare,
na akuru no nso anwuwu.
14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim
na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda.
Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ;
Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
15 Afei mɛsan akɔ me nkyi
kosi sɛ wobenya ahonu.
Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan;
wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”
* 5:1 Asɔfo, Israelfo ne ahemfo, saa akuw abiɛsa yi na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ bu atɛntrenee, nanso wɔn nyinaa buu ntɛnkyew.