14
Nsuyow, Ɔkɔm, Afoa
Eyi ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuyow ho:
“Yuda resu,
ne nkuropɔn hu amane;
wɔbɔ asase no ho abubuw,
na osu foro fi Yerusalem kɔ.
Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu;
wɔkɔhwɛ ahina mu
nanso wonnya nsu.
Wɔde wɔn asuhina san ba a hwee nni mu;
wɔde awerɛhow ne abawpa
katakata wɔn ti so.
Asase no apaapae,
efisɛ osu ntɔ wɔ asase no so;
akuafo no koma atutu
na wɔkata wɔn ti so.
Mpo ɔforotebere a ɔwɔ sare so
gyaw ne ba a wawo no foforo,
efisɛ sare biara nni hɔ.
Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no so
home sɛ sakraman;
wɔkrankran wɔn ani hwehwɛ didibea
nanso wonhu bi.”
 
Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de,
nanso Awurade, wo din nti yɛ ho biribi.
Yɛn atuatew dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo.
Wo a woyɛ Israel Anidaso,
nʼAgyenkwa wɔ amanehunu mmere mu,
adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asase no so,
sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo?
Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi,
sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Awurade
na wo din da yɛn so;
nnyaw yɛn mu!
10 Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyin ho yiye;
wɔmma wɔn anan nhome.
Ɛno nti Awurade nnye wɔn nto mu;
afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛsɛm no
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
11 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mmɔ yiyeyɛ ho mpae mma saa nnipa yi. 12 Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
13 Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
14 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. 15 Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu. 16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
17 “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘ma nisu nguare me
anadwo ne awia, a to ntwa,
efisɛ Ɔbabea Babun no, me nkurɔfo,
anya apirakuru a ɛyɛ hu
na ɛyɛ ahodwiriw mmoroso.
18 Sɛ mekɔ ɔman no mu a,
mihu nnipa a wɔatotɔ wɔ afoa ano;
sɛ mekɔ kuropɔn no mu a
mihu ɔkɔm nsunsuanso.
Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa
kɔ asase a wonnim so so.’ ”
 
19 Woapo Yuda koraa ana?
Wubu Sion animtiaa ana?
Adɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn so
na yennya ayaresa?
Yɛn ani daa asomdwoe so,
nanso ade papa biara mmaa ɛ;
yɛn ani daa ayaresa bere so
nanso ehu na ɛbae.
20  Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ
ne yɛn agyanom afɔdi to mu;
nokware, yɛayɛ bɔne atia wo.
21 Na wo din nti mmu yɛn animtiaa;
nhura wʼanuonyam ahengua no ho.
Kae wo ne yɛn apam no
na mmu so.
22 Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana?
Wim ankasa na ɛtɔ obosu ana?
Dabi da, ɛyɛ wo, Awurade yɛn Nyankopɔn.
Enti wo so na yɛn ani da,
na wo na woyɛ eyinom nyinaa.