16
Amanehunu Da
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Ɛnsɛ sɛ woware na wowo mmabarima anaa mmabea wɔ ha.” Sɛɛ na Awurade ka fa mmabarima ne mmabea a wɔwo wɔn asase yi so; mmea a wɔyɛ wɔn nanom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho: “Owuyare bekunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. Wɔbɛtotɔ afoa ano na ɔkɔm bekunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.”
“Nhyɛn ofi a ayiyɛ aponto wo mu; nkosu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, efisɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔbɔ afi saa nnipa yi so,” Awurade na ose. Atitiriw ne mpapahwekwa bewuwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn na wɔrensu wɔn na obiara remmɔ ne ho kam, na ɔrenyi ne ti wɔ wɔn nti. Obiara remma wɔn a wodi awufo no ho awerɛhow no aduan mfa nkyekye wɔn werɛ, owufo no agya anaa ne na mpo, obiara remma wɔn nsa mfa nkyekye wɔn werɛ.
“Na nhyɛn ofi a aponto kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom. Na sɛɛ na Awurade Tumfo, Israel Nyankopɔn no se: Wo nkwanna mu a wʼani tua no, mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo ahosɛpɛw nne a ɛwɔ ha no bɛba awiei.
10 “Sɛ woka eyinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wobisa wo se, ‘Adɛn nti na Awurade abɔ atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu sɛɛ atia yɛn? Dɛn mfomso na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Nyankopɔn’ a, 11 ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Efisɛ mo agyanom gyaw me hɔ kodii anyame foforo akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm ni. Wogyaw me na wɔanni me mmara so. 12 Na mo de, moayɛ amumɔyɛsɛm asen mo agyanom. Monhwɛ sɛnea mo mu biara di ne koma bɔne asoɔden akyi wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie ma me. 13 Ɛno nti, metu mo afi saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaasɛ mo agyanom nnim so, na mobɛsom anyame foforo wɔ hɔ awia ne anadwo, na merenhu mo mmɔbɔ.’
14 “Nanso nna no reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’ 15 mmom, wɔbɛka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi nea oyii Israelfo fii atifi fam asase ne aman a otuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Efisɛ mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no no so.
16 “Na mprempren, mɛsoma apopofo bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ose. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfo bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔw ne nkoko nyinaa so ne abotan atokuru mu. 17 Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; enhintaw me, na wɔn bɔne nso nhintaw wɔ mʼani so. 18 Metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, efisɛ wɔde aniwude nsɛsode a enni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade abɛhyɛ mʼagyapade so ma de agu mʼasase ho fi.”
19  Awurade, mʼahoɔden ne mʼabandennen,
mʼahohia mu guankɔbea,
wo nkyɛn na amanaman no bɛba;
wobefi nsase ano aka se,
“Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuw,
ahoni a wɔn so nni mfaso na wɔammoa wɔn.
20 Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame ana?
Yiw, nanso wɔnyɛ nokware anyame!”
 
21 “Ɛno nti mɛkyerɛkyerɛ wɔn,
saa bere yi nea mɛkyerɛ wɔn,
me tumi ne mʼahoɔden.
Afei wobehu sɛ
me din ne Awurade.