21
Awurade Po Sedekia Abisade
Asɛm fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania kɔɔ ne nkyɛn no. Wɔkae se, “Bisa Awurade, ma yɛn efisɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebedi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwonwade ama yɛn, sɛnea ɔyɛɛ mmere bi a atwa mu no na ama wafi yɛn so akɔ.”
Na Yeremia buaa wɔn se, “Monka nkyerɛ Sedekia se, ‘Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Merebɛdan mo nsam akode atia mo, nea mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi na wɔatua mo kuropɔn no ano. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu. Me ara mede nsa a mateɛ ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuw, anibere ne abufuwhyew mu. Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bekunkum wɔn. Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’
“Bio, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Eyi ne nea Awurade se: Hwɛ mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim. Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bewu wɔ afoa anaa ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara a obepue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafo a wɔabetua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10 Mawe ahinam sɛ mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ose. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhyew no.’
11 “Nea ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehye se, ‘Muntie Awurade asɛm; 12 Dawidfi, sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara;
munnye nea wɔabɔ no korɔn no
mfi ne nhyɛsofo nsam,
anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogya
esiane bɔne a moayɛ nti,
ɛbɛhyew a obiara rennum no.
13 Mene mo anya, Yerusalem
Mo a mote obon yi atifi
abotan asasetaw so,
Awurade na ose,
mo a moka se, “Hena na obetumi ako atia yɛn?
Hena na obetumi ahyɛn yɛn hintabea?”
14 Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe,
Awurade na ose.
Mɛto mo kwae mu gya,
a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’ ”