23
Trenee Dubaa No
“Nnome nka nguanhwɛfo a wɔsɛe na wɔhwete me nguankuw no!” Awurade na ose. Ɛno nti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea Awurade se ni. “Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw. Na meyi nguanhwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ose.
“Nna bi reba,” Awurade na ose,
“sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid
ɔhene bi a obedi ade nyansa mu
na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.
Ne mmere so, wobegye Yuda nkwa
na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoe mu.
Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no:
Awurade Yɛn Trenee.
Na afei nna bi reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’ na mmom, wɔbɛka se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israel asefo fii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ no so no.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
Atoro Adiyifo
Nea ɛfa adiyifo no ho no:
Me koma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa wosow.
Mete sɛ ɔsabowfo,
mete sɛ obi a nsa abow no,
esiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no nti.
10 Aguamammɔfo ahyɛ asase no so ma;
nnome no nti asase no awo wosee,
adidibea a ɛwɔ nweatam no so ahyew.
Adiyifo no nam ɔkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ nea ɛnteɛ.
 
11 “Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn;
mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,”
Awurade na ose.
12 “Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro;
wɔbɛpam wɔn akɔ sum mu
na hɔ na wɔbɛhwehwe ase.
Mede amanehunu bɛba wɔn so
wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”
Awurade na ose.
 
13 “Samaria adiyifo mu no
mihuu saa atantanne yi:
Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm
nam so maa me nkurɔfo Israelfo fom kwan.
14 Na Yerusalem adiyifo mu no
mahu ade a ɛyɛ hu:
Wɔsɛe aware na wodi atoro.
Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,
enti obiara ntwe ne ho mfi nʼamumɔyɛsɛm ho.
Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;
na Yerusalemfo te sɛ Gomora.”
15 Ɛno nti sɛɛ na Asafo Awurade, se fa adiyifo no ho:
“Mɛma wɔadi aduan a ɛyɛ nwen
na wɔanom nsu a awuduru wɔ mu,
efisɛ Yerusalem adiyifo nti,
bɔneyɛ ahyɛ asase yi so ma.”
16 Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Munntie nkɔm a adiyifo no hyɛ kyerɛ mo;
wɔma mo nya anidaso a enni nnyinaso.
Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehu,
a emfi Awurade anom.
17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no se,
Awurade se: Mubenya asomdwoe.’
Na wɔn a wodi wɔn komaden akyi no nyinaa,
wɔka kyerɛ wɔn se, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
18 Na wɔn mu hena na wasɔre wɔ Awurade agyinatufo mu
sɛ ɔbɛhwɛ anaa obetie nʼasɛm?
Hena na wayɛ aso ate nʼasɛm?
19 Hwɛ, Awurade ahum
betu abufuwhyew mu,
mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ
amumɔyɛfo mpampam.
20  Awurade abufuw rensan
kosi sɛ obewie
ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte ase yiye.
21 Mansoma saa adiyifo yi,
nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyin;
mamma wɔn nkra biara,
nanso wɔahyɛ nkɔm.
22 Sɛ wɔkaa mʼagyinatufo ho a,
anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfo
na ama wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔne
ne wɔn nneyɛe bɔne ho.
 
23 “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,”
Awurade na ose,
“na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
24 Obi betumi de ne ho asie baabi a
merentumi nhu no ana?”
Awurade na ose.
“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma ana?”
Awurade na ose.
25 “Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’ 26 Eyi bɛkɔ so akosi da bɛn wɔ atoro adiyifo yi koma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27 Wodwen sɛ dae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfo werɛ afi me din, sɛnea Baal som nti wɔn agyanom werɛ fii me din no. 28 Ma odiyifo a waso dae no nka nʼadaeso, na ma nea ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokware mu. Na dɛn na ntɛtɛ ne awi wɔ yɛ?” Awurade na ose. 29 “Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” Awurade na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?
30 “Ɛno nti,” Awurade na ose, “mikyi adiyifo a wɔfa nsɛm a efi wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛnea efi me nkyɛn no. 31 Yiw,” Awurade asɛm ni, “mikyi saa adiyifo a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawo ka se, ‘Awurade na ose.’ 32 Nokware, mikyi wɔn a wɔhyɛ adaeso ho atoro nkɔm,” Awurade na ose. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atoro nsɛm daadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, nso mensomaa wɔn na minnyii wɔn. Wɔn so nni mfaso mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ose.
Atoro Adiyisɛm Ne Atoro Adiyifo
33 “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa mo se, ‘Dɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn se, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ose.’ 34 Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso. 35 Eyi ne nea mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuae ne dɛn?’ Anaa ‘Dɛn na Awurade aka?’ 36 Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu. 37 Eyi ne nea mokɔ so ka kyerɛ odiyifo: ‘Mmuae bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Asɛm bɛn na Awurade aka?’ 38 Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne Awurade adiyisɛm’ nanso sɛɛ na Awurade ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio. 39 Afei, nokware, me werɛ befi mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afi mʼani so. 40 Na mede daa animguase, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”