26
Owu Hunahuna Yeremia
Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedi mfiase mfe no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn bae: “Sɛɛ na Awurade se: Gyina Awurade fi mu adiwo hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wofi Yuda nkurow mu bɛsom wɔ Awurade fi mu nyinaa. Ka nea mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nyi asɛm biara mfi mu. Ebia wobetie, na wɔn mu biara asan afi nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne nti mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfo adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn bere biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo munntiee wɔn), ɛno de, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnome wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ”
Asɔfo, adiyifo ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade fi hɔ. Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfo no, adiyifo ne nnipa no nyinaa tow hyɛɛ ne so kae se, “Ɛsɛ sɛ wuwu! Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Awurade fi hɔ.
10 Bere a Yuda adwumayɛfo tee saa nsɛm yi no, wofii ahemfi hɔ foro kɔɔ Awurade fi kɔtenaa ofi no Pon Foforo no ano. 11 Na asɔfo no ne adiyifo no ka kyerɛɛ adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”
12 Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfo ne nnipa no nyinaa anim se, “Awurade somaa me se, memmɛhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kuropɔn yi sɛnea moate no nyinaa. 13 Na afei monteɛteɛ mo akwan ne mo nneyɛe, na monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14 Me de, mewɔ mo nsam; mubetumi ayɛ me sɛnea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so. 15 Nanso monkae se, sɛ mukum me a, moahwie mogya a edi bem agu, na so afɔdi bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu no so; na nokware Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo asom.”
16 Na adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo no ne adiyifo no se, “Ɛnsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn din mu.”
17 Na asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ bagua no nyinaa se, 18 “Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“ ‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw.
Na Yerusalem bɛyɛ mmubui
na asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’
19 Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kum no ana? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ obeyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfi wɔn so ana? Yɛreyɛ de amanehunu kɛse aba yɛn ankasa so!”
20 (Semaia babarima Uria a, ofi Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforo a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm koro yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛnea Yeremia yɛe no. 21 Bere a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanyimfo ne nʼadwumayɛfo nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ okum no, nanso Uria tee no, ɔde ehu guan kɔɔ Misraim. 22 Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23 Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.)
24 Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔamfa no amma dɔm no sɛ wonkum no.