32
Yeremia Tɔ Asase
Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu. Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi.
Na Yudahene Sedekia de no ato afiase wɔ hɔ reka se, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, ‘Nea Awurade se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no. Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na hɔ na ɔbɛtena akosi sɛ me ne no bedi, Awurade na ose. Sɛ woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’ ”
Yeremia kae se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se, Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot* no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso sɛ wotɔ.’
“Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’
“Mihuu sɛ eyi yɛ Awurade asɛm.” Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan (194) maa no. 10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano wɔ nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no. 11 Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe wɔ mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso, 12 na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim.
13 “Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim se, 14 ‘Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye.§ 15 Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
16 “Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ Awurade mpae se,
17 “Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18 Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19 wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ. 21 Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim. 22 Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. 23 Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.
24 “Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no. 25 Na ɛwɔ mu sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo Awurade, ka kyerɛ me se, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’ ”
26 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 27 “Mene Awurade adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me ana? 28 Enti nea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29 Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.
30 “Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, Awurade na ose. 31 Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ sɛ miyi no fi mʼani so. 32 Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33 Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso. 34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade wɔ ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35 Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.
36 “Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: 37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti. 40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da. 41 Mʼani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so.
42 “Sɛɛ na Awurade se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43 Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, nea moka wɔ ho se, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.’ 44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin* mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose.”
* 32:7 Anatot—Yeremia kurom. 32:10 sɔw ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ ase sɛ ɛyɛ nokware nko, na mmom, sɛnea wɔbɛhyɛ nhyehyɛe no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. 32:12 Baruk—Ase ne “Awurade ahyira no.” Na ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo nokwafo. § 32:14 fa to asuhina mu sɛnea ɛbɛkyɛ yiye—Krataa a wohuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkurow a ɛdeda Nkyene Po atɔe fam) no dii mfe 2,000 ne akyi a ɛho anka. * 32:44 Benyamin mantam. Wɔbɔ Benyamin din ha kan efisɛ na hɔ yɛ ɔmantam a Yeremia kurow a ofi mu wɔ.