36
Yehoiakim Hyew Yeremia Nhoma Mmobɔwee
Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛto so anan mu, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ: “Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, efi bere a mifii ase kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedi bere so de besi nnɛ no gu so. Ebia, sɛ Yudafo te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so no a, wɔn mu biara bɛdan afi nʼamumɔyɛ ho na afei mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
Enti Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na bere a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu. Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. Enti kɔ Awurade fi mmuadadi da bi na kenkan nsɛm a efi Awurade nkyɛn a meka ma wokyerɛw guu nhoma mmobɔwee no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow so aba no. Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adan afi nʼamumɔyɛ akwan no so, efisɛ abufuw ne abufuwhyew nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.” Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifo Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkan Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu wɔ Awurade asɔredan no mu. Ɔsram a ɛto so akron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadi maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wofi Yuda nkurow so aba no. 10 Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; fii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adiwo na ɛbɛn Ɔpon Foforo no mu.
11 Bere a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no, 12 ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete. 13 Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkan fii nhoma mmobɔwee no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi no, 14 adwumayɛfo no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk se, “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan fii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a na okura nhoma mmobɔwee no. 15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”
Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16 Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk se, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Afei wobisaa Baruk se, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wokyerɛw eyinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wokyerɛw ana?”
18 Baruk buae se, “Yiw, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.”
19 Na adwumayɛfo no ka kyerɛɛ Baruk se, “Wo ne Yeremia, munkohintaw. Monnkyerɛ obiara mo akyi kwan.”
20 Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21 Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa. 22 Na ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron a na ɔhene no te awɔwbere dan mu reto ogya a esi nʼanim. 23 Bere biara a Yehudi bɛkenkan nhoma mmobɔwee no afaafa bɛyɛ abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo afoa, twitwa de gu ogya no mu, kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyewee. 24 Ɔhene no ne nʼasomfo a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntade mu nso. 25 Ɛwɔ mu sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. 26 Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia se, wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra. Nanso na Awurade de wɔn asie.
27 Ɔhene no hyew nhoma mmobɔwee a na nsɛm a Baruk akyerɛw afi Yeremia anum wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 28 “Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee a Yudahene Yehoiakim hyew no gu mu. 29 Afei ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Wohyew nhoma mmobɔwee no kae se: “Adɛn nti na wokyerɛw wɔ mu se ɔkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre so nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30 Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahengua so. Wɔbɛtow ne funu akyene a, wɔrensie no, na wada owia hyew ne anadwo awɔw mu. 31 Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafo so, efisɛ wɔantie.’ ”
32 Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔka maa ne kyerɛwfo Baruk kyerɛwee. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no a ɔhene Yehoiakim hyew no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.