51
Sɛɛ na Awurade se:
“Monhwɛ, mɛkanyan ɔsɛefo bi honhom
atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.
Mɛsoma ananafo akɔ Babilonia
sɛ wonkohuhuw ne so na wɔnsɛe nʼasase;
wobetia no wɔ afanan nyinaa
wɔ nʼamanehunu da no.
Mma agyantowni pema nʼagyan,
mma ɔnhyɛ ne nkatabo.
Mma ne mmerante mfa wɔn ho nni;
sɛe nʼasraafo no pasaa.
Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia,
a wɔapirapira yiye wɔ ne mmɔnten so.
Na Israel Nyankopɔn, Asafo Awurade no,
nnyaw Israel ne Yuda hɔ ɛ,
ɛwɔ mu, afɔdi ahyɛ wɔn asase no so ma
wɔ Israel Ɔkronkronni no anim.
 
“Munguan mfi Babilonia!
Muntu mmirika mpere mo nkwa!
Mommma wɔnnsɛe mo esiane ne bɔne nti.
Awurade aweretɔbere aso;
ɔde nea ɛfata no betua no ka.
Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam;
ɔmaa asase nyinaa bow nsa.
Aman no nom ne nsa;
ɛno nti, afei wɔabobɔ adam.
Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.
Muntwa ne ho agyaadwo!
Mompɛ ne yaw no ano aduru;
ebia ne ho bɛtɔ no.
 
“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yare,
nanso wontumi nsa no yare;
momma yennyaw no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,
efisɛ nʼatemmu du sorosoro;
ɛforo soro te sɛ omununkum.’
 
10 “ ‘Awurade abu yɛn bem.
Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,
nea Awurade, yɛn Nyankopɔn ayɛ.’
 
11 “Monsew agyan no ano!
Momfa nkatabo no!
Awurade ahwanyan Mede ahemfo no,
efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia.
Awurade bɛtɔ were,
ɔbɛtɔ were ama nʼasɔrefi no.
12 Mompagyaw frankaa bi ntia Babilonia afasu!
Mummia bammɔ mu,
momma awɛmfo no nnyinagyina.
Munsiesie ahintawee!
Awurade bɛma nʼatirimpɔw aba mu,
nea wahyɛ atia Babilonia no.
13 Mo a motete nsuwansuwa bebree ho
na nnwetɛbona abu mo so,
mo awiei aba,
bere a ɛsɛ sɛ wotwa mo kyene no.
14 Asafo Awurade, aka ne ho ntam sɛ:
mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ tɛwtɛw,
na wɔabɔ ose wɔ wo so.
 
15 “Ɔde ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu
na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
16 Sɛ ɔbobɔ mu a, ɔsoro nsu woro so;
ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.
Ɔsoma anyinam ka osu ho
na ɔma mframa bɔ fi ne koradan mu.
 
17 “Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;
sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.
Ne nsɛsode yɛ atoro;
wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
18 Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew;
sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
19 Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,
efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho.
Asafo Awurade ne ne din.
 
20 “Woyɛ me ko abaa,
mʼakode a mede kɔ sa
mede wo dwerɛw amanaman,
mede wo sɛe ahenni bebree,
21 mede wo bobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo,
teaseɛnam ne ne kafo,
22 mede wo dwerɛw ɔbarima ne ɔbea,
mede wo dwerɛw akwakoraa ne ɔbabun,
mede wo dwerɛw aberante ne ababaa,
23 mede wo dwerɛw oguanhwɛfo ne nguankuw,
mede wo dwerɛw okuafo ne anantwi,
mede wo dwerɛw amradofo ne adwumayɛfo.
24 “Metua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomso a, wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ose.
25 “Bepɔw sɛefo, me ne wo anya,
wo a wosɛe asase nyinaa no,”
Awurade na ose.
“Mɛteɛ me nsa wɔ wo so
mepia wo afi abotan no so,
na mayɛ wo sɛ bepɔw a ɛnka hwee.
26 Wɔremfa ɔbo biara mfi wo so nyɛ tweatibo
anaasɛ fapem mpo,
efisɛ wobɛda mpan afebɔɔ,”
Awurade na ose.
 
27 “Momma frankaa so wɔ asase no so!
Monhyɛn torobɛnto no wɔ amanaman no mu!
Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa;
Momfrɛfrɛ saa ahenni ahorow yi mma wɔnko ntia no:
Ararat, Mini ne Askenas.
Munnyi ɔsahene ntia no;
momfa apɔnkɔ manyamanya te sɛ tɛwtɛw mmra.
28 Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa,
mo Mede ahemfo,
wɔn amradofo ne wɔn adwumayɛfo nyinaa,
ne aman a wodi so nyinaa.
29 Asase no wosow, na onukunuku ne mu,
efisɛ Awurade atirimpɔw a etia Babilonia
sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a
obiara rentumi ntena so no nsakraa ɛ.
30 Babilonia dɔmmarima agyae ko
wɔhyehyɛ wɔn aban mu.
Wɔn ahoɔden asa;
wɔayɛ sɛ mmea.
Wɔatoto nʼatenae ahorow no mu gya,
na wɔabubu nʼapon akyi adaban.
31 Abɔfo didi so
na asomafo didi so a
wɔrekɔbɔ Babiloniahene amanneɛ se,
wɔafa ne kuropɔn no,
32 wɔagye asutwabea ahorow a ɛdeda asubɔnten no ano no afa,
na wɔde ogya ato ɔwora no mu,
na asraafo no abɔ huboa.”
33 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se:
“Babilonia Babea ayɛ sɛ, awiporowbea
wɔ bere a wɔretiatia hɔ.
Aka kakraa bi, na bere a ɛsɛ sɛ wotwa no sɛ nnɔbae no adu.”
 
34 “Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛw yɛn,
ɔde yɛn ato ɔhaw mu,
wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni mu.
Wamene yɛn sɛ ɔwɔ no
na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,
na wapuw yɛn afi nʼanom agu.
35 Ma ayakayakade a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”
nnipa a wɔtete Sion na wɔka.
“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”
Yerusalem na ɔka.
36 Enti sɛɛ na Awurade se:
“Hwɛ, medi mo asɛm ama mo
na matɔ were ama mo;
Mɛma po a ɛyɛ ne de no ayow
na mama ne nsubɔnten ayoyow.
37 Babilonia bɛyɛ mmubui siw,
sakraman atu
ahodwiriwde ne fɛwdi,
baabi a obiara nte.
38 Ne nkurɔfo nyinaa bobɔ mu sɛ gyata,
wɔbobɔ mu te sɛ gyatamma.
39 Nanso bere a wɔahwanyan wɔn ho no,
mɛto pon ama wɔn
na mama wɔabobow nsa,
sɛnea wɔde nteɛteɛmu bedi ahurusi,
na wɔadeda a wɔrennyan bio,”
Awurade na ose.
40 “Mede wɔn bɛba
te sɛ nguantenmma a wɔrekokum wɔn,
te sɛ adwennini ne mpapo.
 
41 “Sɛnea wɔbɛfa Sesak,
wɔbɛfa asase nyinaa so ahohoahoa!
Babilonia bɛyɛ ahodwiriwde
wɔ amanaman no mu!
42 Po bebunkam afa Babilonia so;
na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
43 Ne nkurow bɛda mpan,
nweatam a so awo,
asase a obiara nte so,
na obiara ntu kwan mfa so.
44 Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia
na mama wapuw nea wamene agu.
Amanaman no rento santen nkɔ ne nkyɛn bio.
Na Babilonia fasu bebubu.
 
45 “Me nkurɔfo, mumfi ne mu!
Muntu mmirika mpere mo nkwa!
Munguan mfi Awurade abufuwhyew ano.
46 Mommma mo koma ntu na munnsuro
sɛ mote huhuhuhu wɔ asase no so a;
huhuhuhu ba afe yi na foforo ba afe a ɛbɛba,
basabasayɛ ho huhuhuhu wɔ asase no so
ɛfa ɔhene a ɔsɔre tia ɔfoforo ho.
47 Na ampa ara bere no bɛba
a mɛtwe Babilonia ahoni aso;
nʼasase no nyinaa anim begu ase
na nʼatɔfo nyinaa bɛtotɔ ase wɔ ne so.
48 Ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa
de ahosɛpɛw bɛteɛ mu agu Babilonia so,
efisɛ ɔsɛefo befi atifi fam
abɛtow ahyɛ ne so,”
Awurade na ose.
 
49 “Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, esiane Israel atɔfo nti
sɛnea atɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ahwehwe ase
esiane Babilonia nti no.
50 Mo a mo aguan afi afoa ano,
monkɔ, na monntwentwɛn mo nan ase!
Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,
na munnwen Yerusalem ho.”
 
51 “Wɔagu yɛn anim ase,
efisɛ wayeyaw yɛn
na fɛre akata yɛn anim,
efisɛ ananafo ahyɛn
Awurade fi kronkronbea ahorow hɔ.”
 
52 “Nanso nna bi reba,” Awurade na ose,
“a mɛtwe nʼahoni aso,
na nʼasase so nyinaa
apirafo besi apini.
53 Sɛ Babilonia kɔka soro mpo,
na omiamia nʼaban tenten bammɔ mu a,
mɛsoma ɔsɛefo ne no abedi asi,”
Awurade na ose.
 
54 “Osu nnyigyei bi fi Babilonia,
ɔsɛe kɛse bi nnyigyei
fi Babiloniafo asase so.
55  Awurade bɛsɛe Babilonia;
ɔbɛma nʼasotuatua nnyigyei no agyae.
Atamfo a wɔte sɛ ahum betu sɛ nsu akɛse;
wɔn mmubomu bɛyɛ gyegyeegye.
56 Ɔsɛefo bi bɛsɔre atia Babilonia;
wɔbɛfa ne dɔmmarima nnommum
na wobebubu wɔn tadua mu.
Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;
obetua so ka pɛpɛɛpɛ.
57 Mɛma nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo abow nsa
nʼamradonom, ne mpanyimfo ne dɔmmarima nso saa ara;
wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyan,”
sɛɛ na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade, no se.
58 Sɛɛ na Asafo Awurade, se:
“Wobedwiriw Babilonia afasu a ɛtrɛw no agu fam
na wɔbɛto nʼapon atenten no mu gya;
nnipa no haw wɔn ho kwa,
ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛw mmom.”
59 Eyi ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfo panyin na ɔyɛ Maseia nena no, bere a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedi afe a ɛto so anan no mu. 60 Na Yeremia akyerɛw amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nhoma mmobɔwee so, nea wakyerɛw a ɛfa Babilonia ho nyinaa. 61 Ɔka kyerɛɛ Seraia se, “Sɛ wudu Babilonia a, hwɛ sɛ wobɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛnea obiara bɛte. 62 Afei ka se, ‘Awurade, woaka se wobɛsɛe beae yi sɛnea onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’ 63 Sɛ wokenkan nhoma mmobɔwee yi wie a, kyekyere fam ɔbo ho, na tow kyene Asubɔnten Eufrate mu. 64 Afei ka se, ‘Sɛɛ na Babilonia ne ne nkurɔfo bɛmem a wɔrensɔre bio, esiane amanehunu a mede bɛba ne so no nti.’ ”
Yeremia nsɛm no awiei ni.