6
Atamfo Atwa Yerusalem Ho Ahyia
“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!
Munguan mfi Yerusalem!
Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa!
Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!
Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam,
ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.
Mɛsɛe Ɔbabea Sion,
ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.
Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no;
wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,
wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
 
“Munsiesie mo ho ne no nkɔko!
Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae!
Nanso hwɛ, onwini redwo,
na anwummere sunsuma reware.
Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwo
na yɛnsɛe nʼaban ahorow!”
 
Nea Asafo Awurade se ni:
“Muntwitwa nnua no ngu fam
na muntwa Yerusalem ho dantaban.
Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;
nhyɛso ahyɛ no ma.
Sɛnea abura puw ne nsu no,
saa ara na opuw nʼamumɔyɛ.
Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu;
ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.
Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem,
anyɛ saa metwe me ho afi wo ho
na mama wʼasase ada mpan
a obiara ntumi ntena so.”
Nea Asafo Awurade se ni:
“Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiye
sɛnea woyiyi bobe mu yiye no;
fa wo nsa fa mman no so bio,
sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”
 
10 Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?
Hena na obetie me?
Wɔn aso asisiw
enti wɔnte asɛm.
Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn,
na wɔn ani nnye ho.
11 Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma,
na mintumi nkora so.
 
“Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten so
ne mmerante a wɔahyia;
ɛbɛka okunu ne ɔyere,
mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.
12 Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo,
wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho;
sɛ meteɛ me nsa
wɔ wɔn a wɔte asase no so a,”
sɛnea Awurade se ni.
13 “Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;
adiyifo ne asɔfo te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifo.
14 Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru
te sɛnea ɛnyɛ hu.
Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’
wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
15 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?
Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;
wonnim fɛre mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;
wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,”
sɛnea Awurade se ni.
16 Eyi ne nea Awurade se,
“Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;
mummisa tete akwan no,
mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,
na mubenya home ama mo akra.
Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’
17 Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se,
‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’
Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’
18 Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman;
mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ,
monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.
19 Tie, wo asase:
Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,
wɔn nneyɛe so aba,
efisɛ wɔantie me nsɛm
na wɔapo me mmara.
20 Nnuhuam a efi Seba
anaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?
Minnye wo hyew afɔre no nto mu,
wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”
21 Ɛno nti, nea Awurade se ni:
“Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim.
Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so;
yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”
22 Sɛnea Awurade se ni:
“Monhwɛ, nsraadɔm bi reba,
wofi atifi fam asase so;
wɔrehwanyan wɔn
afi nsase ano.
23 Wokurakura bɛmma ne mpeaw;
wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.
Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.
Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”
 
24 Yɛate wɔn ho nsɛm,
na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu.
Awerɛhow akyekyere yɛn
yɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.
25 Mfi adi nkɔ wuram
na nnantew akwan no so,
efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa,
na baabiara ayɛ hu.
26 Me nkurɔfo, mumfura atweaatam
na mommunummunum wɔ nsõ mu,
momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhow
sɛnea wosu ma ɔbabarima koro,
efisɛ ɔsɛefo no
bɛba yɛn so mpofirim.
 
27 “Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛ
na me nkurɔfo dadeben,
a wobɛhwɛ
na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
28 Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den,
wɔnenam di nseku.
Wɔyɛ kɔbere ne dade;
wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.
29 Afa no bɔ mframa dennen
de ogya nan sumpii no,
nanso ɔnan no yɛ ɔkwa.
Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.
30 Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,
efisɛ Awurade apo wɔn.”