Dwom 91
Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biara
bɛhome wɔ Otumfo no nwini ase.
Mese Awurade se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen,
me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.”
 
Ampa ara, obegye wo afi firisumfo afiri
ne owuyare mu.
Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;
na ne ntaban ase na wubenya guankɔbea;
ne nokware bɛyɛ wo nkatabo ne wo kyɛm.
Worensuro ɔdasu mu ɔsɛe,
anaa bɛmma a etu awia,
anaa owuyare a ɛba sum mu,
anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ owigyinae bere.
Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,
na mpem du atotɔ wo nifa a,
wo de, ɛremmɛn wo.
Wʼaniwa nko ara na wode bɛhwɛ
na woahu nnebɔneyɛfo asotwe.
 
Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,”
na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,
10 ɔhaw biara remmunkam wo so,
na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan.
11 Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban
na wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu;
12 wɔde wɔn nsa bɛma wo so,
na wo nan ampem ɔbo.
13 Wubetiatia gyata ne aprammiri so,
wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so.
 
14  Awurade ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no;
mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu.
15 Ɔbɛfrɛ me na megye ne so;
mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,
megye no na mahyɛ no anuonyam.
16 Mɛma nkwa nna a ɛware amee no
na makyerɛ no me nkwagye.”