2
Mpaebɔ Ho Akwankyerɛ
Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani. Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bɔ mu no, ɔno ne Kristo Yesu no. Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre gyee nnipa nyinaa nkwa no. Eyi yɛ adansedi a ɛbaa bere a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa. Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafo ne amanamanmufo kyerɛkyerɛfo sɛ minni gyidi ne nokware no ho adanse. Merenni atoro, mereka nokware!
Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho tew so, nea abufuw ne akyinnye nni mu, na wɔbɔ mpae. Afei mehwehwɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase na wɔfa ɔkwan a ɛfata so siesie wɔn ho. Wɔnyɛ wɔn ti sɛ mmea ahobrɛasefo; wɔmmfa sika anaa nwinne anaa ntade a ne bo yɛ den nsiesie wɔn ho. 10 Na mmom ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmea sɛ mmea a wɔyɛ nyamesomfo no adi.
11 Ɛsɛ sɛ mmea de kommyɛ ne ahobrɛase sua ade. 12 Memma mmea ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wonnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm. 13 Efisɛ wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa. 14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbea no na wɔdaadaa no ma ɛnam so ma obuu Onyankopɔn mmara so. 15 Na sɛ ɔbea tena ase gyidi, ɔdɔ, kronkronyɛ ne ahobrɛase mu a ɔbɛwo asomdwoe mu.