5
Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabun, yɛ mmea mpanyimfo sɛ wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nuabeanom wɔ kronkronyɛ mu.
Ma wʼani nku mmea akunafo a wonni ahwɛfo ho. Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia. Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso. Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.
Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia no din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokware, 10 na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Awurade nkurɔfo anan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa.
11 Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho 12 na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan no so. 13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi mu na nea enye koraa ne sɛ wodi nseku yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14 Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. 15 Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.
16 Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.
Wɔnhwɛ Asɛmpaka Yiye
17 Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. 18 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛni akatua fata no!” 19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no, gye sɛ nnansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. 20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim wɔ bagua mu na abɔ afoforo hu. 21 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu.
22 Ntutu mmirika mfa wo nsa ngu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho. Yɛ kronn.
23 Nnom nsu nko ara, na mmom wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.
24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu, nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri no. 25 Saa ara nso na nneyɛe payɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.