3
Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel 
 
1 Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:   
2 “Mo nko ara na mayi mo  
wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;  
enti mɛtwe mo aso  
wɔ mo bɔne nyinaa ho.”   
   
 
3 Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew,  
wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?   
4 Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase  
wɔ bere a onhuu hanam biara ana?  
Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu  
wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?   
5 Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam  
wɔ baabi a wonsum afiri ana?  
Afiri huan konkɔn hɔ wɔ  
bere a enyii aboa ana?   
6 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a  
nnipa no ho mpopo ana?  
Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a  
ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?   
   
 
7 Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi  
a ɔnna ne nhyehyɛe adi  
nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.   
   
 
8 Gyata no abobɔ mu,  
hena na onnsuro?  
Otumfo Awurade akasa,  
hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?   
   
 
9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban  
ne Misraim aban:  
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;  
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so  
ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”   
   
 
10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,”  
sɛnea Awurade se ni.  
“Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia  
sie wɔ wɔn aban mu.”   
11 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se,  
“Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so;  
Obebubu mo bammɔ agu,  
na wɔafow mo aban.”   
12 Nea Awurade se ni:  
“Sɛnea oguanhwɛfo gye  
anan abien nnompe anaa aso sin pɛ  
fi gyata anum no,  
saa ara na wobegye Israelfo nkwa,  
wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria,  
ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”   
13 “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,”  
sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.   
14 “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,  
mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El;  
wobetwitwa afɔremuka no mmɛn  
na abu ahwe fam.   
15 Medwiriw awɔwbere mu ofi  
ne ahuhurubere mu ofi agu;  
na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no  
na afi akɛse no nso wobebubu agu,”  
sɛnea Awurade se ni.